Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




4 Mose 2:3 - Twerɛ Kronkron

3 Wɔn a wɔnkyere nsraban apueeɛ fam no ne Yuda nsraban frankaa no ase nnipa sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ. Yuda mma no safohempanin Aminadab ba Nahason,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Apuei fam, baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔn a wɔnkyere nsraban apueeɛ fam no ne Yuda nsraban frankaa no ase nnipa sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ. Yuda mma no safohempanin Aminadab ba Nahason,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Apueeɛ fam, baabi a owia pue firi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɔ wɔn atenaeɛ wɔ wɔn frankaa ase. Yudafoɔ ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn a wɔmmɔ nsra apuei fam, no ne: Yuda nsra frankaa no ase nnipa, sɛ wɔn dɔm te. Yuda mma no safohempanyin ne Aminadab ba Nahasɔn,

Ver Capítulo Copiar




4 Mose 2:3
19 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa sɛ Israel te asase no soɔ no, Ruben ne n’agya abaawayerɛ Bilha kɔdae, na Israel tee.


Nso Yakob mmammarima yɛ dummienu: Lea mma ne Ruben (Yakob abakan), Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.


Na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, Yuda mma bapɔmma no,


Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma firii ne mu deɛ, nanso abakanyɛ no danee Yosef deɛ),


Na Aaron faa Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nua waree, na ɔwoo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar maa no.


Na mmarima a wɔmfiri mmusuakuo no mu mmɛboa mo no din nie: Ruben deɛ ne Sedeur ba Elisur.


Yuda deɛ: Aminadab ba Nahason.


Na sɛ mohyɛne osebɔ nnyegyeeɛ a, nsraban a ɛdeda anim fam no ntu;


na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduɔson nnan ne ahansia.


Na wɔn a wɔnkyere nsraban, ahyiaeɛ ntomadan no anim, apueeɛ no, ne Mose ne Aaron ne ne mmammarima a wɔkura kronkronbea no ma Israelfoɔ no; na ɔhɔhoɔ a ɔtwe pini no, wɔnku no.


Na deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ baa da a ɛdi kan ne Aminadab ba Nahason a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no.


ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Aminadab ba Nahason ayɛyɛdeɛ.


na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon,


na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios