4 Mose 15:3 - Twerɛ Kronkron3 na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a, Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm3 na mopɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara a wɔbɔ a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ aboa a ofi mo nguankuw anaa nantwibuw mu. Sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ bɔ, anaa afɔrebɔ a efi ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirihyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ sɛ wɔde aduan afɔrebɔde ka ho. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible3 na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a, Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm3 na mopɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara a wɔbɔ no ogya so ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aboa a ɔfiri mo nnwankuo anaa anantwibuo mu. Sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ bɔ, anaa afɔrebɔ a ɛfiri ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirinhyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ sɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ka ho. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON3 na morebɔ ogya afɔre a efi anantwi anaa nguan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre a mode reyɛ aboade, anaa ɛyɛ ayamye afɔre anaa mo afahyɛ ase de, sɛ morema ayi hua huamhuam ama AWURADE a, Ver Capítulo |