Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




3 Mose 26:1 - Twerɛ Kronkron

1 Monnyɛ anyamehuhuo mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔboɔ a wɔadi ho adwini nnsi mo asase so nnkoto nnsɔre wɔ ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “ ‘Monnyɛ abosom. Munnsisi ahoni anaa abo mma mo ho. Mommfa abo a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkotow wɔn. Mene Awurade mo Nyankopɔn no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Monnyɛ anyamehuhuo mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔboɔ a wɔadi ho adwini nnsi mo asase so nnkoto nnsɔre wɔ ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “ ‘Monnyɛ abosom. Monnsisi ahoni anaa aboɔ mma mo ho. Mommfa aboɔ a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkoto wɔn. Mene Awurade mo Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Monnyɛ abosonhuhuw mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔbo a wɔadi ho adwinni nnsi mo asase so nnkotow nnsɔre wɔ ho, na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




3 Mose 26:1
30 Referencias Cruzadas  

na wɔyeyɛɛ adum ne Asera nnua, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so, ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase maa wɔn ho.


Na wɔgyaa AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔaguo, nantwie mma mmienu fae, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.


na wɔanante amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israel mma anim no amammerɛ ne Israel ahemfo deɛ a wɔhyehyɛeɛ no mu.


Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea huruu ne bo, na wɔde wɔn ahoni maa no twee ninkunu.


Ahonisomfoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde abosonhuhuo hoahoa wɔn ho no nyinaa ani awu, mo anyame nyinaa, monkoto no.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.


Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa.


Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛeɛ nso, na butuo na butu wɔn, na bubuo na bubu wɔn adum.


Nyɛ anyame a wɔaguo mfa.


Ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ abosonhuhuo ne wɔn sika abosonhuhuo a wɔyɛ maa wɔn ho, a wɔresom no no atwene ama nkusie ne mpan,


Monnnane mo ho nnkɔ abosonhuhuo no nkyɛn, na monnyɛ ahoni a wɔaguo te sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na me na Israelfoɔ yɛ me nkoa. Me nkoa a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ ne wɔn: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Aaron mma mu deɛ ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya ne sradeɛ ba no, ɔno na ɔsrɛ nifa no nyɛ ne kyɛfa.


ɛnneɛ mompamo asase no sotefoɔ nyinaa mfiri mo anim, na monsɛe wɔn aboɔ ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔaguo no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn nsorɔnsorɔmmea nyinaa.


Na ɛnam sɛ yɛyɛ Nyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔboɔ, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adie.


Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa agudeɛ, AWURADE akyiwadeɛ, adwumfoɔ nsa ano adwuma, na ɔde bɛsi kokoam. Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen!


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo firii Misraim asase soɔ, nkoafie mu no.


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Na Danfoɔ no de ohoni a wɔasene no sii hɔ fae, na Mose ba Gersom ba Yonatan ne ne mma dii asɔfoɔ maa Dan abusuakuo no de kɔsii asase no tukorɔ da so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios