Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Samuel 22:3 - Twerɛ Kronkron

3 me botantim Nyankopɔn a medwane mekɔtoa no. Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten ne me dwanekɔbea, m’agyenkwa a wogyee me firii akakabensɛm mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 me Nyankopɔn yɛ me botan; ne mu na minya guankɔbea. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagye mu ahoɔden, mʼabandennen, mʼagyenkwa, nea ogye me fi basabasayɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 me botantim Nyankopɔn a medwane mekɔtoa no. Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten ne me dwanekɔbea, m’agyenkwa a wogyee me firii akakabensɛm mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagyeɛ mu ahoɔden ne me banbɔeɛ, mʼabantenten, mʼagyenkwa, deɛ ɔgye me firi basabasayɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 me botantim Nyankopɔn a miguan metoa no; me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten ne me guankɔbea, m’agyenkwa a wugyee me fii akakabensɛm mu.

Ver Capítulo Copiar




2 Samuel 22:3
52 Referencias Cruzadas  

AWURADE bɛyɛ dwanekɔbea ama deɛ wɔrepɛkyɛ no, ahokyere berɛ mu dwanekɔbea.


Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.


Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no.


Nyankopɔn asɛm nyinaa ho te, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.


Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ! Ɔyɛ wo mmoa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ. W’atamfo bɛwae ama wo, na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.


Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Na bio: Mede me ho bɛto ne so. Na bio nso: Hwɛ, me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.


na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn n’akoa Dawid fie,


M’adɔeɛ ne m’abankɛseɛ, m’abantenten ne me gyefoɔ, me kyɛm ne deɛ medwane mekɔtoa no a ɔbrɛ me man ase hyɛ m’aseɛ.


Na me deɛ, mɛto w’ahoɔden ho dwom, na mato w’adɔeɛ ho ahurisie dwom anɔpa, sɛ woayɛ me abankɛseɛ ne me hia da mu dwanekɔbea.


Mobɛhwete mmɔborɔni atirimpɔ mu ara, nanso AWURADE ne ne dwanekɔbea.


O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban denden, me dwanekɔbea ahohiahia da mu, wo nkyɛn na amanaman bɛfiri asase anoano aba abɛka sɛ: Atorɔ nko ne yɛn agyanom awunnyadeɛ no, ahuhudeɛ a mfasoɔ nni mu.


na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea ne osuo ano dwanekɔbea, sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu.


AWURADE, hwɛ me so firi ɔbɔnefoɔ nsam, bɔ me ho ban ɔbarima ɔboɔdurufoɔ ho, na wɔabɔ wɔn tirim pɔ sɛ wɔbɛsum m’anammɔn atwene.


AWURADE, yɛ wɔn basabasa, paepae wɔn tɛkyerɛma mu, na mahunu amimdie ne aperedie, kuro no mu.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


sɛ wɔnnye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam;


Mma ɔtɛkyerɛmafoɔ nntintim asase so, ɔboɔdurufoɔ, ma bɔne nti no yerɛdɛdɛ.


AWURADE, yi me firi onipa bɔne nsam, bɔ me ho ban, ɔbarima ɔboɔdurufoɔ ho.


Onyankopɔn, ahantanfoɔ asɔre atia me, na atirimuɔdenfoɔ asafo rehwehwɛ me kra, na wɔamfa wo ansi wɔn ani so.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Yɛn kyɛm, Onyankopɔn, hwɛ, na hwɛ deɛ woasra no no anim.


Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne atirimuɔdensɛm mu, na wɔn mogya boɔ ayɛ den n’anim.


Mayɛ nnipa bebree ani so anwanwadeɛ, na wone me dwanekɔhyɛbea a ɛyɛ den.


Na wo na woayɛ me dwanekɔhyɛbea, abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfoɔ anim.


Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.


AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede m’akoma mato ne so, na waboa me, enti m’akoma ho asane no, na mede me dwom meda no ase.


Na ɔkora me ne sese mu wɔ hia da, ɔde me hunta ne ntomadan ahuntaeɛ, ɔma me so gyina ɔbotan so.


Na wo, AWURADE, wohyira ɔteneneeni, wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɛkyɛm.


Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm, m’animuonyam ne me werɛkyekyefoɔ.


sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ so, na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ, Dawid ne n’asefoɔ daa.


deɛ ɔyii me firi m’atamfoɔ nsam, aane, wo na woma me so boro wɔn a wɔsɔre tia me no soɔ, wogyee me firi aniɛdenfoɔ nsam,


Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.


Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ, ɔbotan a wɔde wɔn ho too soɔ no?


Ɛno na ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so hwie guu yɛn so pii,


Na yɛn Agyenkwa Nyankopɔn adɔeɛ ne ne dɔ yii ne ho adie no,


na m’agyenkwa Nyankopɔn ho na me honhom ho asane no;


Na sɛdeɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Hwɛ, merema ahosɛpɛ nne, ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne, ne ayeforɔ nne to atwa ɛha yi, mo ani so ne mo berɛ yi so.


Monkasa, monka mo asɛm; momma wɔmmom ntu agyina. Hwan na ɔmaa wɔtee yei firi teteete na ɔka firi tete nteredee? Ɛnyɛ me, AWURADE a? Na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko ara, Onyankopɔn a ɔtene na ɔgye nkwa; obi nni baabiara gye me nko.


Wone me huntabea, wobɛbɔ me ho ban na me ho annwan me, na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.


Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho, dwanekɔbea abɔ me, obiara mfa me kra nyɛ huu.


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.


Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.


Onyankopɔn deɛ, ne kwan yɛ pɛ, AWURADE bɔhyɛ yɛ nokorɛ, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.


AWURADE te ase, na nhyira nka me botantim no. Na me nkwagyeɛ botan Nyankopɔn no, wɔmma no so.


Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene, deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu.


M’ahoɔden ne me dwontoɔ ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so.


Na wɔn a wɔnim wo din de wɔn ho bɛto wo so, ɛfiri sɛ woannya wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.


Enti sɛ asase ani dane butu, na mmepɔ tutu gu po bunu mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios