Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 4:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnneɛ mmienu yi anni na wɔantie wo nne a, ɛnneɛ kɔsa Asubɔntene Nil mu nsuo kɔhwie gu asase pɛsɛɛ so. Na nsuo a wosaa no asuo no mu no bɛdane mogya wɔ asase pɛsɛɛ no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ nsɛnkyerɛnne abien yi akyi no wɔannye wo anni a, kɔsaw nsu fi Asubɔnten Nil mu na behwie gu asase wosee bi so na ɛbɛdan mogya.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnneɛ mmienu yi anni na wɔantie wo nne a, ɛnneɛ kɔsa Asubɔntene Nil mu nsuo kɔhwie gu asase pɛsɛɛ so. Na nsuo a wosaa no asuo no mu no bɛdane mogya wɔ asase pɛsɛɛ no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ mmienu yi akyiri wɔannye wo anni a, kɔsa nsuo firi Asubɔnten Nil mu na bɛhwie gu asase wesee bi so na ɛbɛdane mogya.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnne abien yi nso anni na wɔantie wo nne a, ɛnne kɔsaw asubɔnten no mu nsu kohwie gu asase kesee so, na nsu a wosawee, asu no mu no bɛdan mogya wɔ asase kesee no so.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 4:9
5 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Farao hyɛɛ ne man nyinaa sɛ: Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔto no ntwene asubɔnten no mu, na mmammaa nyinaa deɛ, momma wɔntena ase.


Na sɛ wɔannye wo anni na wɔammu kane nsɛnkyerɛnneɛ no a, wɔbɛgye deɛ ɛtɔ so mmienu no adi.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Yei na wode bɛhunu sɛ mene AWURADE: Hwɛ, mede poma a mekura yi merebɔ nsuo a ɛwɔ Nil mu, na ɛbɛdane mogya.


Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios