Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Mose 1:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na yeinom ne Israel mma a wɔne Yakob baa Misraim no din. Wɔn mu biara ne ne fiefoɔ na ɛbaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yakob mma ne wɔn abusuafo a wɔne no tu kɔtenaa no din na edidi so yi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na yeinom ne Israel mma a wɔne Yakob baa Misraim no din. Wɔn mu biara ne ne fiefoɔ na ɛbaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yakob mma ne wɔn abusuafoɔ a wɔne no tu kɔtenaa no din na ɛdidi so yi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne Israel mma a wɔne Yakob baa Misraim no din. Wɔn mu biara ne ne fifo na ɛbae.

Ver Capítulo Copiar




2 Mose 1:1
15 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE hunuu sɛ wɔtane Lea no, ɔbuee ne yafunu mu, na Rahel deɛ, ɔyɛɛ obonini.


Na ne kra refiri ne mu na ɔreyɛ awuo no, ɔtoo no din Ben-oni, na n’agya deɛ, ɔfrɛɛ no Benyamin.


Na Yosef mma a wɔwoo wɔn Misraim no yɛ akra baanu. Yakob fie akra a wɔbaa Misraim no nyinaa yɛ aduɔson.


Ruben, Simeon, Lewi, Yuda,


Wɔn din no nsia nkɔ ɔboɔ baako so, na wɔn din nsia a aka no nso nkɔ ɔboɔ baako so, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ.


Na yeinom ne mmusuakuo no din: Ɛfiri atifi fam hyeɛ no so, Hetlon kwan nkyɛn mu a ɛrekɔ Hamat, Hasar-Enan, Damasko hyeɛ so, (deɛ ɛhwɛ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn mu), na wɔnnya ano apueeɛ ne atɔeɛ, ɛno ne Dan, homa baako.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios