Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 4:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, ne ntwemu, basafa du, na ne trɛ, basafa du, na ne korɔn, basafa nnum.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Salomo san yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne sorokɔ yɛ anammɔn dunum.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, ne ntwemu, basafa du, na ne trɛ, basafa du, na ne korɔn, basafa nnum.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Salomo sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ne tentene yɛ anammɔn aduasa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔyɛɛ kɔbere afɔremuka, ne ntwemu basafa du, na ne trɛw basafa du, na ne korɔn basafa anum.

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 4:1
11 Referencias Cruzadas  

Da no ara ɔhene yɛɛ AWURADE dan no anim abannwa no kronkron, na ɛhɔ na ɔhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no sua dodo sɛ wɔbɛhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no wɔ so.


Na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Hur ba Uri ba Besalel yɛeɛ no si AWURADE tenabea no anim hɔ, na Salomo ne badwa no kɔhwehwɛɛ AWURADE akyire kwan.


Na Salomo bobɔɔ afɔdeɛ afe mu mprɛnsa, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, wɔ afɔrebukyia a ɔsi maa AWURADE no so, na ɔhyee aduhwam wɔ deɛ ɛsi AWURADE anim no so. Na ɔwiee efie no koraa.


Na Salomo gyinaa AWURADE afɔrebukyia anim, Israel asafo nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ soro


Ɛno mu na Salomo bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE wɔ AWURADE afɔrebukyia a ɔsii no ntwonoowa no anim no soɔ,


Na Asa tee nsɛm yi ne Odiyifoɔ Oded adiyie no, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔyii atantanneɛ no firii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so, ne nkuro a ɔgyee no Efraim bepɔ soɔ no mu, na ɔyɛɛ AWURADE afɔrebukyia a ɛwɔ AWURADE ntwonoowa no anim no foforɔ.


Na Salomo yɛɛ abannwa a ɛwɔ AWURADE dan no anim no kronkron, na ɛhɔ na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔhyee asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Salomo yɛeɛ no, na ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne sradeɛ nam no nsene so.


ɛnna wɔhyɛnee mu baa Ɔhene Hesekia nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yɛapepa AWURADE fie hɔ nyinaa ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho adeɛ nyinaa, ne nsiesieeɛ pono no ne ɛho nnoɔma nyinaa ho;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios