Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




2 Berɛsosɛm 1:10 - Twerɛ Kronkron

10 Ma me nyansa ne nimdeɛ na memfiri adi ɔman yi anim na memmra mu, na hwan na ɔbɛbu wo man kɛseɛ yi atɛn?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yiye, na hena koraa na obetumi adi wo man kɛse sɛɛ so?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Ma me nyansa ne nimdeɛ na memfiri adi ɔman yi anim na memmra mu, na hwan na ɔbɛbu wo man kɛseɛ yi atɛn?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yie, na hwan koraa na ɔbɛtumi adi wo ɔman kɛseɛ sei so?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 afei, ma me nyansa ne nimdeɛ na mimfi adi ɔman yi anim na memmra mu, na ɛhena na obebu wo man kɛse yi atɛn?

Ver Capítulo Copiar




2 Berɛsosɛm 1:10
14 Referencias Cruzadas  

Enti ma w’akoa nteaseɛ adwene na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne mu, na hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn?


Nyansa ne ade titire: Enti nya nyansa, na fa w’adenya nyinaa nya nhunumu.


Nso akane no a na Saulo di yɛn so hene no, wone deɛ na ɔde Israel firi adie na ɔde wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo na wobɛdi Israel so hene.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.


Ɛnyɛ sɛ yɛn ara yɛfata sɛ yɛbɛsusu ahunu biribi sɛdeɛ ɛfiri yɛn ara yɛn mu, na mmom yɛn fata a yɛfata no firi Nyankopɔn mu.


Wo nsa na ɛyɛɛ me na ɛsiesiee me, ma me nteaseɛ, na mensua wo mmara nsɛm.


Ma menhunu mu, na madi wo mmara so, na mede m’akoma nyinaa bɛdi so.


a ɔbɛdi wɔn anim afiri adie na ɔbɛdi wɔn anim aba mu, deɛ ɔde wɔn bɛfiri adie na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ madi mfeɛ ɔha aduonu, me a mentumi nkɔ na me nso a mentumi mma; afei nso AWURADE aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi.


Yɛyɛ owuo hwa a ɛde kɔ owuo mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hwa a ɛde kɔ nkwa mu ma ebinom nso. Na hwan na ɔfata yeinom?


Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhunumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so.


Me so na ahemfo nam di hene, na atitire hyɛ mmara tenenee;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios