Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Yohane 2:6 - Twerɛ Kronkron

6 Deɛ ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnante sɛdeɛ ɔno nso nanteeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na ɛsɛ sɛ nea ose ɔte ne mu no biara di Yesu Kristo anammɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Deɛ ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnante sɛdeɛ ɔno nso nanteeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na sɛ yɛte ne mu deɛ a, na ɛsɛ sɛ yɛdi Yesu Kristo anammɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Nea ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnantew sɛnea ɔno nso nantewee.

Ver Capítulo Copiar




1 Yohane 2:6
14 Referencias Cruzadas  

Na yei na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu amane maa mo gyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi.


Na mama mo nhwɛsoɔ sɛ, sɛdeɛ mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.


Monhwɛ me nsua me, sɛdeɛ me nso mehwɛ Kristo mesua no no.


Obiara a ɔte ne mu no nyɛ bɔne. Obiara a ɔyɛ bɔne no nhunuu no, nanso ɔnnim no.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.


Deɛ ɔka sɛ: Menim no, na ɔnni n’ahyɛdeɛ soɔ no, yɛ ɔtorofoɔ, na nokorɛ no nni ne mu.


Na afei, mma nkumaa, montena ne mu, na sɛ oyi ne ho adi a, yɛanya awerɛhyɛmu, na yɛn ani anwu n’anim, ne ba mu.


Tenenee bɛdi n’anim, na asi n’anammɔn kwan so.


Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.


Na deɛ ɔdi n’ahyɛdeɛ soɔ no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na deɛ yɛde hunu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no.


Yei mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛanya nnamyɛ atemmuda da, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔno teɛ no, sɛ nso yɛteɛ wɔ wiase ha ne no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios