Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 8:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkaa sɛ: Ma yɛn ɔhene na ɔnni yɛn so no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔn abisade no anyɛ Samuel dɛ nti, ɔkɔɔ Awurade anim kobisaa akwankyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkaa sɛ: Ma yɛn ɔhene na ɔnni yɛn so no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔn abisadeɛ no anyɛ Samuel dɛ enti, ɔkɔɔ Awurade anim kɔbisaa akwankyerɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkae sɛ: Ma yɛn ɔhene na onni yɛn kan no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpae.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 8:6
18 Referencias Cruzadas  

Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.


Ɛnyɛ ayuotwa berɛ ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama aprannaa ne osuo aba, na moahwɛ ahunu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim sɛ moabisa ɔhene afa no so.


Wɔtane me de hyɛ me dɔ ananmu, na me deɛ, mpaeɛ ara na mebɔ.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kukuwa no, na so afɔrebukyia no so gya gu mu, na yɛ ntɛm fa kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ afiri AWURADE anim afi. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ.


Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa?


Ɛnna Mose bo fuu pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnane w’ani nkyerɛ wɔn aduane afɔdeɛ. Mennyee wɔn nsam afunumu baako mpo, nso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.


Na afei, sɛ wode wɔn bɔne no bɛkyɛ a! Na sɛ ɛnte saa a, pepa me nso firi wo nwoma a woatwerɛ no mu ɛ!


Na Mose bisaa Aaron sɛ: Ɛdeɛn na ɔman yi yɛɛ woɔ a wode bɔne kɛseɛ aba wɔn soɔ yi?


Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;


Na Samuel kaa sɛ: Monhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpaeɛ memma mo.


Na mo deɛ, ɛnnɛ moapo mo Nyankopɔn a ɔne deɛ ɔgyee mo mo amaneɛ ne mo ahohia nyinaa mu no, na mose no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mommɛgyina AWURADE anim sɛdeɛ mo mmusuakuo ne mo mpempem dodoɔ teɛ.


Na mohunuu sɛ Amonfoɔ hene Nahas reba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmɛdi yɛn so, berɛ a na AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene.


Ɛhefa na afei wo hene no wɔ, na ɔnnye wo wo nkuro nyinaa mu, ne w’atemmufoɔ a wokaa sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?


Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma wo nkoa, na yɛanwu, ɛfiri sɛ yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa.


me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios