1 Samuel 7:9 - Twerɛ Kronkron9 Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm9 Enti Samuel faa oguan ba a onnyinii de ne mua no bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfo, na Awurade tiei. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible9 Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm9 Enti, Samuel faa odwan ba a ɔnyiniiɛ de ne mua no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfoɔ, na Awurade tieeɛ. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON9 Na Samuel faa oguanten ba a onum de no bɔɔ ɔhyew afɔre mu maa AWURADE, na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so. Ver Capítulo |