Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 7:4 - Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna Israelfoɔ no yii Baalim ne Astarot, na wɔsomm AWURADE nko ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Enti Israelfo no too Baalim ne Astoret gui, som Awurade nko.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna Israelfoɔ no yii Baalim ne Astarot, na wɔsomm AWURADE nko ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Enti, Israelfoɔ no too Baalim ne Astoret guiɛ, somm Awurade nko.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Israelfo no yii Baal nyinaa ne Astarot, na wɔsom AWURADE nko.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 7:4
11 Referencias Cruzadas  

ɛsiane sɛ wɔagya me na wɔakɔsɔre Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Moabfoɔ nyame Kemos ne Amon mma nyame Milkom, na wɔannante m’akwan mu sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ ne m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ sɛ n’agya Dawid.


Na Salomo kɔdii Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Amonfoɔ Milkom a ɛyɛ akyiwadeɛ no akyi.


na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn atamfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum kɔeɛ no asase so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom no, kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a,


Bio nso afɔrebukyia a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛeɛ no, afɔrebukyia no nso ne sorɔnsorɔmmea no, ɔdwirii, na ɔhyee sorɔnsorɔmmea no yam no kɔfekɔfe maa ɛyɛɛ mfuturo, na ɔhyee Asera nnua no.


Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame! bio; ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.


Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me deɛ, mɛgye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ pepeaa frɔmfrɔm, me so na wɔbɛhunu w’aba.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.


Na wɔgyaa AWURADE hɔ kɔsomm Baal ne Astarot.


Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: Sɛ mode mo akoma nyinaa resane aba AWURADE nkyɛn a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame ne Astarot no mfiri mo mu, na monsiesie mo akoma mma AWURADE, na monsom ɔno nko ara, na ɔbɛyi mo Filistifoɔ nsam.


Na Samuel kaa sɛ: Monhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpaeɛ memma mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios