Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 3:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, som Awurade. Saa bere no na asɛm a wɔte fi Awurade nkyɛn ne anisoadehu yɛ ade a ɛho yɛ na.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, somm Awurade. Saa ɛberɛ no na asɛm a wɔte firi Awurade nkyɛn ne anisoadehunu yɛ adeɛ a ɛho yɛ na.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na abofra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛna saa bere no mu, na anisoadehu ntaa nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 3:1
11 Referencias Cruzadas  

Yɛnhunu yɛn nsɛnkyerɛnneɛ, odiyifoɔ bi nni hɔ bio, na yɛn mu biara nnim da ko a ɛbɛkɔ akɔsie.


Anisoadehunu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa, nanso deɛ ɔbu mmara no, nhyira ne no.


mɛma ɔdasani ho ayɛ na asene sika amapa, na onipa asene Ofir sika kɔkɔɔ.


Abuo pae abuo so, akwansosɛm pae akwansosɛm so. Na wɔhwehwɛ odiyifoɔ hɔ adehunu, na mmara bɔ ɔsɔfoɔ, na afotuo bɔ mpanimfoɔ.


Na Elkana kɔɔ ne fie Rama; na abɔfra no som AWURADE, Ɔsɔfoɔ Eli anim.


Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.


Na mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ so mafa, ɔbɛyɛ deɛ ɛwɔ m’akoma ne me kra mu, na mɛkyekyere efie a ɛtim hɔ mama no, na wanante deɛ masra no no anim nna nyinaa.


Na deɛ ɔbɛka wo fie no bɛba abɛkoto no agye dwetɛbena ne paanoo mua, na waka sɛ: Mesrɛ wo, fa me hyɛ asɔfoɔ adwuma no baako bi mu, na manya paanoo buprɛko madi.


Na Samuel da kɔduruu anɔpa, na ɔhinihinii AWURADE fie apono no. Na Samuel suroo sɛ ɔbɛka adeɛ a ɔhunuiɛ no akyerɛ Eli.


Na AWURADE kɔɔ so yii ne ho adi Silo; na AWURADE nam AWURADE asɛm so yii ne ho kyerɛɛ Samuel wɔ Silo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios