Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 26:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na Dawid ne Abisai kɔɔ ɛdɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saulo da hɔ ada, nteaseɛnam aboaeɛ hɔ, na ne pea si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Enti Dawid ne Abisai kɔɔ asraafo no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenae hɔ a, ɔde ne peaw atim fam wɔ ne ti ho pɛɛ. Na Abner ne asraafo no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Dawid ne Abisai kɔɔ ɛdɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saulo da hɔ ada, nteaseɛnam aboaeɛ hɔ, na ne pea si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Enti, Dawid ne Abisai kɔɔ asraafoɔ no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenaeɛ no mu a, ɔde ne pea apoma fam wɔ ne tiri ho pɛɛ. Na Abner ne asraafoɔ no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na Dawid ne Abisai kɔɔ dɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saul da hɔ ada, nteaseɛnam aboae hɔ, na ne peaw si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 26:7
5 Referencias Cruzadas  

Ka kyerɛ wɔn sɛ: Yei na monyɛ. Momfa nteaseɛnam mfiri Misraim asase so nkɔma mo mma ne mo yerenom, na monkɔfa mo agya mmra.


Na Dawid sɔree anɔpahema gyaa nnwan no hyɛɛ ɔhwɛfoɔ nsa, na ɔsoa kɔeɛ, sɛdeɛ Yisai hyɛɛ no no; na ɔkɔduruu nteaseɛnam aboaeɛ; na ɛdɔm no refiri adi akɔ mpasua mu na wɔbɔɔ ɔko se,


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Hetini Ahimelek ne Seruia ba Abisai, Yoab nua sɛ: Hwan na ɔne me bɛsiane akɔ Saulo nkyɛn wɔ nsra mu hɔ? Na Abisai sɛ: Mene wo bɛsiane akɔ.


Na Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ, na afei ma memfa pea no menwɔ no menkuta fam prɛko, na meremfoa no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios