Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 16:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na frɛ Yisai bra afɔdeɛ no ho, na me ara mɛkyerɛ wo deɛ yɛ, na sra deɛ mɛka makyerɛ woɔ no ma me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmabarima no mu nea wobɛsra no ngo ama me.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na frɛ Yisai bra afɔdeɛ no ho, na me ara mɛkyerɛ wo deɛ yɛ, na sra deɛ mɛka makyerɛ woɔ no ma me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmammarima no mu deɛ wobɛsra no ngo ama me.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na frɛ Yese bra afɔre no ho, na me ara mɛkyerɛ wo nea yɛ, na sra nea mɛka makyerɛ wo no ma me.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 16:3
10 Referencias Cruzadas  

Na mmarima ahanu a wɔfrɛɛ wɔn firi Yerusalem kaa Absalom ho kɔe; na wɔn deɛ, wɔkɔɔ ɔkɔ hunu, na wɔnnim ho hwee.


Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan nsra no ngo mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛne totorobɛnto sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so oo!


Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pam AWURADE anim wɔ Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ.


Na kasa kyerɛ no, na fa nsɛm no hyɛ n’anomu; na me deɛ, mɛdi w’ano ne n’ano akyi, na makyerɛ mo deɛ monyɛ.


Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.


Ɔkyena sɛsɛberɛ mɛsoma ɔbarima bi afiri Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so hene, na ɔnnye me man mfiri Filistifoɔ nsam; na mahunu me man, ɛfiri sɛ wɔn su aduru me nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios