Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Samuel 1:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na wɔdidiiɛ na wɔnom wieeɛ wɔ Silo no, Hana sɔreeɛ; nanso na Ɔsɔfoɔ Eli te adwa so AWURADE asɔredan ano aponnwa ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Da koro bi a na wɔwɔ Silo no, Hana fii adi anwummere bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fi akɔbɔ mpae. Na ɔsɔfo Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fi pon ano hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔdidiiɛ na wɔnom wieeɛ wɔ Silo no, Hana sɔreeɛ; nanso na Ɔsɔfoɔ Eli te adwa so AWURADE asɔredan ano aponnwa ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛda koro bi na wɔwɔ Silo no, Hana firii adi anwummerɛ bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fie akɔbɔ mpaeɛ. Na ɔsɔfoɔ Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fie ɛpono ano hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna wodidii Silo na wɔnom wiei no, Hana sɔree na ɔkɔɔ AWURADE anim nanso na ɔsɔfo Eli te agua so, AWURADE asɔredan ano apongua ho.

Ver Capítulo Copiar




1 Samuel 1:9
9 Referencias Cruzadas  

ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu.


Adeɛ baako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyire kwan; sɛ me nna a medie nyinaa mɛtena AWURADE fie, na mahwɛ AWURADE animteɛ, na madwene me tirim wɔ n’asɔrefie.


AWURADE nne ma aforoteɛ ko awoɔ, na ɛma kwaeɛ mu da hɔ, na n’asɔrefie mufoɔ nyinaa ka sɛ: Animuonyam nka Nyankopɔn.


Na me deɛ, menam w’adom bebree so mɛba wo fie, na wo ho suro mu na mɛkoto masɔre makyerɛ w’asɔrefie kronkron no.


ɛnneɛ ne wura no mfa no mmra Nyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɛpono ho anaa aponnwa ho, na ne wura no mfa fitiiɛ mfiti n’aso mu, na ɔnsom no daa.


Na ne kra werɛ hoe, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔde yea sui.


Na Samuel da kɔduruu anɔpa, na ɔhinihinii AWURADE fie apono no. Na Samuel suroo sɛ ɔbɛka adeɛ a ɔhunuiɛ no akyerɛ Eli.


na Nyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ, na Samuel da AWURADE asɔredan mu, deɛ Nyankopɔn adaka no sie hɔ;


Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, Eli te n’adwa so kwankyɛn rehwɛ kwan; na Nyankopɔn adaka no nti na ne bo ntɔ ne yam. Na ɔbarima no ba bɛkae, na kuro mu no nyinaa sui.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios