Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 48:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ, na ɔhyiraa me

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yakob ka kyerɛɛ Yosef se, “Otumfo Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ohyiraa me,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ, na ɔhyiraa me

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Otumfoɔ Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ɔhyiraa me,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so, na ohyiraa me,

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 48:3
12 Referencias Cruzadas  

Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ.


Na mɛma woadɔ pii pa ara, na mɛyɛ wo aman, na ahemfo afiri wo mu.


Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo nnɔ, na ɔmma wo nyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;


Na wɔkɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ, wo ba Yosef reba wo nkyɛn. Na Israel miaa n’ani tenaa ne mpa so.


Ɛfiri w’agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo, na ɛfiri Tweaduampɔn hɔ, ɔnhyira wo. Ɔmfa ɔsorosoro nhyira, ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ mu nhyira, ne nufoɔ ne yafunu mu nhyira nhyira wo.


a meyii me ho mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YHWH (AWURADE) no deɛ, mamma wɔamfa anhu me.


Ɔne ɔbɔfoɔ no koe, na ɔtumii; ɔsui na ɔpaa no kyɛw; ɔhunuu no Betel, na ɛhɔ na ɔne yɛn kasaeɛ.


Ɛkura Nyankopɔn animuonyam. Deɛ ɛmaa no hann no te sɛ ɔboɔ a ne boɔ yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛboɔ a emu teɛ sɛ ahwehwɛ.


Na Yosef mma no soma maa wɔkɔsraa Betel. (Akane no na kuro no din de Lus.)


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios