Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 48:16 - Twerɛ Kronkron

16 Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi, na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 ɔsoro bɔfo a ogyee me fii ɔhaw nyinaa mu no, onhyira saa mmarimaa yi. Wɔmfa me din ne mʼagyanom, Abraham ne Isak din ntoto wɔn, na wɔn ase mfɛe wɔ asase so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi, na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no, ɔnhyira saa mmarimaa yi. Wɔmfa me din ne mʼagyanom, Abraham ne Isak edin ntoto wɔn, na wɔn ase mfɛe wɔ asase so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 abɔfo a woyii me bɔne nyinaa mu no nhyira mmofra yi, na wɔmfa me din ne m'agyanom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase mfinimfini.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 48:16
46 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ no sɛ: Abraham, Abraham! Na ɔse: Menie.


Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham bio sɛ:


Na ɔkaa sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ no Israel, ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.


Na ɔse: Mene Onyankopɔn, w’agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wobɛsiane akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ wɔ hɔ.


Na afei wo mma baanu a wowoo wɔn wɔ Misraim asase soɔ ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim no, wɔnyɛ me dea. Efraim ne Manase nyɛ me dea te sɛ Ruben ne Simeon.


Yosef yɛ dua a ɛso aba mman, dua a ɛso aba wɔ nsuo aniwa soɔ mman; ne mman tratra ɔfasuo.


Nanso Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi,


Na ɔhene kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra firii ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi,


na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn soɔ no brɛ wɔn ho ase na wɔbɔ mpaeɛ, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsane firi wɔn akwammɔne no so a, me nso mɛfiri ɔsoro matie, na mede wɔn bɔne akyɛ, na masa wɔn asase no yadeɛ.


AWURADE bɛhwɛ wo so bɔne nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo kra so.


AWURADE mu na me kra bɛhoahoa ne ho, ahobrɛasefoɔ bɛte, na wɔn ani agye.


AWURADE gye ne nkoa kra, na wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa remmrɛ mu.


AWURADE bɔfoɔ bɔ wɔn a wɔsuro no ho nsraban hyia, na ɔgye wɔn.


Monka nhwɛ na monhunu sɛ AWURADE yɛ, nhyira ne onipa a ɔdwane kɔtoa no.


Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔree bebree, na wɔn ase kyenee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.


Yɛn Gyefoɔ no, asafo AWURADE ne ne din, ne Israel Kronkronni no.


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.


Ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu n’akoma, sɛ dɔmmarima a ɔntumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfimfini, AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnya yɛn hɔ.


Na mɛyi wo afiri abɔnefoɔ nsam, na magye wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.


Na wɔafa Edom nkaeɛ adi, ne amanaman a wɔbɛbɔ me din afrɛ wɔn no nyinaa; AWURADE a ɔyɛ yeinom no asɛm nie.


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa yɛ ɔpehansia mmiɛnsa ne ahanum aduonum.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Mensrɛ sɛ: Yi wɔn firi wiase, na mmom sɛ: Bɔ wɔn ho ban firi ɔbɔnefoɔ no ho.


Na nnipa a aka no ne amanaman a wɔbɛbɔ me din wɔ mu no nyinaa ahwehwɛ Awurade akyiri kwan


Na ɛnyɛ ɛno nko, na yɛn ara nso a yɛwɔ Honhom no aba a ɛdi kan no, yɛn nso yɛsi apini retwɛn abayɛ a ɛne ɔgyeɛ a wɔbɛgye yɛn nipadua no.


na wɔn nyinaa nom honhom fam anonneɛ korɔ, na wɔnom firii honhom fam botan a na ɛdi wɔn akyire no mu; na ɔbotan no ne Kristo.


Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ, na awɔ kunkumm wɔn no.


Na asase so aman nyinaa bɛhunu sɛ wɔde AWURADE din na afrɛ woɔ, na wɔbɛsuro wo.


Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa aguo akɔduru asase ano. Na wɔn ne Efraim apedu no, Manase mpempem ne no.


Na Awurade bɛyi me afiri bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahennie no mu; ɔno na animuonyam wɔ no mmerɛ santen mfesanten. Amen.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Gyidie na Yakob rebɛwuo no, ɔde hyiraa Yosef mma baanu no, na ɔmiaa ne pomatire so sɔree.


Na Yosua ka kyerɛɛ Yosef fie, Efraim ne Manase sɛ: Ɔman kɛseɛ ne wo, na wowɔ ahoɔden kɛseɛ, ɛnyɛ ntonto baako pɛ na wobɛnya,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios