Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 3:8 - Twerɛ Kronkron

8 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummerɛ mferɛ mu. Na Adam ne ne yere kɔhunta firii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummerɛ mferɛ mu. Na Adam ne ne yere kɔhunta firii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛda no anwummerɛ, wɔtee Awurade Onyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu. Enti, Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kɔsiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn renhunu wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummere mfare mu. Na Adam no ne ne yere kohintaw fii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 3:8
20 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔkɔe, na Abraham sane baa ne fie.


Na ɔse: Metee wo nka wɔ turom hɔ no, mesuroe, ɛfiri sɛ meda adagya, na mehuntae.


Mununkum yɛ no nkataho, na ɔnhunu adeɛ, na ɔsoro kɔntɔnkrɔn so na ɔnanteɛ.


sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam, na mede m’amumuyɛ mesiee me kokom,


Na AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ:


AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ.


Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.


Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri wɔn afɔrebukyia so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ: Mommɛkata yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Mommɛhwe yɛn so!


Na mɛnante mo mu, na mayɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman:


Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.


Wɔde yei kyerɛ sɛ, wɔatwerɛ mmara adwuma no wɔ wɔn akoma mu, na wɔn ahonim nso di wɔn adanseɛ, na wɔn nsusuiɛ toto wɔn ano, anaasɛ nso ɛtwitwa gye wɔn,


Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsraban mu sɛ ɔregye woɔ, na ɔde w’atamfo ama wɔ w’anim; enti ma wo nsraban mu nyɛ kronkron, na wanhunu wo mu aniwudeɛ biara, na wannane amfiri w’akyi.


sɛ ɔman bi ate Nyankopɔn nne sɛ ɛfiri ogya mu rekasa, sɛdeɛ woateɛ yi, na wɔanya nkwa anaa?


Na afei, adɛn nti na yɛnwuo? Ɛfiri sɛ ogya kɛseɛ yi rebɛhye yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yɛbɛwuwu.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa huntahuntaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios