Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 3:21 - Twerɛ Kronkron

21 Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ nwoma ntadeɛ maa Adam ne ne yere de hyɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Awurade Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ ntade maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ nwoma ntadeɛ maa Adam ne ne yere de hyɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Awurade Onyankopɔn de aboa nwoma yɛɛ ntadeɛ maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ nhoma ntade maa Adam ne ne yere de hyɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 3:21
8 Referencias Cruzadas  

Na Adam no too ne yere din Hawa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔyɛ ateasefoɔ nyinaa na.


Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu baako, hunu papa ne bɔne. Na afei, deɛ ɛbɛyɛ na wantene ne nsa ante nkwa dua no nso bi anni antena ase daa nti,


Na wɔn baanu ani buebuee, na wɔhunuu sɛ wɔdeda adagya, enti wɔpempam borɔdɔma ahahan yɛɛ nkatanim fae.


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


Na ɛyɛ Nyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidie soɔ hyɛne wɔn a wɔgye die nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa soɔ. Na nsonsonoeɛ biara nni mu,


Na nipadua ho adeɛ a ɛyɛ yɛn sɛ ɛnni anidie koraa no, ɛno na yɛhyehyɛ di no ni bebree, na deɛ ɛnyɛ fɛ wɔ yɛn ho no nya ahokeka pii;


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios