Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 3:19 - Twerɛ Kronkron

19 W’anim fifire mu na wobɛdidie de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ; na woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Wubesiam wʼanim fifiri ansa na woanya aduan adi, kosi sɛ wubewu akɔ dɔte mu, efisɛ dɔte no mu na menwen wo fii; woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 W’anim fifire mu na wobɛdidie de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ; na woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Wobɛsiam wʼanim fifire ansa na woanya aduane adi, kɔsi sɛ wobɛwu akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ, dɔteɛ no mu na menwonoo wo firiiɛ; woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 W'anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 3:19
33 Referencias Cruzadas  

na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.


anka honam nyinaa bɛgyaa mu prɛko, na onipa bɛsane akɔ dɔteɛ mu.


Wohunta w’ani, na wɔpatu wu, woyi wɔn ahome, na wɔgyaa mu, na wɔsane kɔ wɔn mfuturo mu.


Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.


Woma ɔdasani dane mfuturo, na wose: Onipa mma, monsane mmra mo mfuturo mu.


Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia.


Adeɛ nyinaa kɔ faako, adeɛ biara firi dɔteɛ mu, na adeɛ nyinaa sane kɔ dɔteɛ mu.


Na Abraham buaa sɛ: Hwɛ, meyɛ mfuturo ne nso deɛ, nanso masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa:


Mfasoɔ bɛn na onipa nya ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu?


M’ahoɔden mu awe sɛ kyɛmferɛ, na me tɛkyerɛma afam me dodom, na wode me ato owuo mfuturo mu.


Meyɛ mo nkyɛn hɔhoɔ ne mamfrani, momma me amusiebea wɔ mo nkyɛn, na mensie m’amu yi ma no mfiri m’ani so.


Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛhyɛɛ mo sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma ɔno nso nnidi.


Na ɔnim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.


Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.


Sɛdeɛ ɔfiri ne na yam adagya mu baeɛ no, saa ara na ɔbɛsane akorɔ, sɛ ɔbaa no no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bɛkuta ne nsam akorɔ.


Mede m’akoma mama sɛ mede nyansa bɛbisa na mahwehwɛ nnoɔma a wɔyɛ no ɔsoro ase nyinaa mu, ɔhaw bɔne a Onyankopɔn de ato adasamma soɔ sɛ wɔmmfa mu no.


Onipa a ɔfom firi nimdeɛ kwan soɔ no bɛtena nsamanfoɔ asafo mu.


Asase so abrane nyinaa bɛdidi na wɔakoto no, wɔn a wɔsiane kɔ mfuturo mu nyinaa, ne deɛ anka ne kra nni nkwa no bɛkoto no.


Faako ara dɔteɛ mu na wɔdeda, na mmoaa kata wɔn so.


Na wɔasɛe me wedeɛ seyie akyiri no, na mɛfiri me honam mu afi ahunu Onyankopɔn;


na ɔkaa sɛ: Adagya na mede mefiri me na yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. AWURADE de mae, na AWURADE afa, nhyira nka AWURADE din.


Onipa a ɔdi kan no firi fam yɛ famni. Onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro.


Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛwu prɛko na ɛno akyi atemmuo bɛba no,


Na nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse na ɛbɛfifiri ama woɔ, na woadi afuo mu ahahan.


na nkantom wɔn a wɔte dɔteɛ adan mu, na wɔn nnyinasoɔ wɔ mfuturo mu, na wɔfurofuro wɔn sɛ abubummabaa.


Onipa firi kɔ n’adwuma ne ne dwumadie ho kɔsi anwummerɛ.


Kwa ara na motua ahema sɔre na monnye moahome papa biara, mpo anadwo brɛ. Na mobrɛ ansa na moanya aduane adi. Nanso AWURADE siesie de ma n’adɔfoɔ mpo berɛ a wɔadeda.


Na Adam nna a ɔdiiɛ ansa na ɔrewuo nyinaa yɛ mfeɛ ahankron aduasa.


Kae sɛ wonwonoo me sɛ anwommoɔ, na wobɛma madane mfuturo bio anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios