Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 24:16 - Twerɛ Kronkron

16 Na ababaa no ho yɛ fɛ sɛ, ɔyɛ ɔbaabunu ɛfiri sɛ na ɔbarima biara nhunuu no da. Na ɔkɔɔ asubura no mu kɔhyɛɛ n’ahina ma, na ɔbae.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na Rebeka no yɛ ɔbabun a ne ho yɛ fɛ yiye. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Osian kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsu ma, san bae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na ababaa no ho yɛ fɛ sɛ, ɔyɛ ɔbaabunu ɛfiri sɛ na ɔbarima biara nhunuu no da. Na ɔkɔɔ asubura no mu kɔhyɛɛ n’ahina ma, na ɔbae.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na Rebeka no yɛ ɔbaabunu a ne ho yɛ fɛ yie. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Ɔsiane kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsuo ma, sane baeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na ababaa no ho yɛ fɛ sɛ, ɔyɛ ɔbaabun a ɔbarima bi nhuu no da, na ɔkɔɔ asubura no mu kɔhyɛɛ ne kuruwa ma, na ɔbae.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 24:16
7 Referencias Cruzadas  

Na ɔreyɛ aduru Misraim asase soɔ no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ,


Na ɛhɔfoɔ no bisaa no ne yere ho asɛm no, ɔkaa sɛ: Me nua ne no. Na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ: Me yere ne no, ɛfiri sɛ ɔse: Anyɛ saa a, Rebeka nti ɛhafoɔ bɛku me; ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ.


Na Lea animma yɛ nketewa, na Rahel ho yɛ fɛ, na n’anim yɛ nyam.


Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔwɔ hɔ nti, ɔnhwɛ biribiara gye aduane a ɔno ara die. Nso na Yosef ho ne n’anim yɛ fɛ.


Na Adam ne ne yere Hawa daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Kain. Na ɔkaa sɛ: AWURADE adaworoma manya ɔbarima.


Me deɛ, medae, nanso na m’akoma anyane. Tie! me dɔfoɔ na ɔrebom sɛ: Hini me, me nuabaa, me dɔfoɔ, m’aburuburo a wodi mu; na obosuo ayɛ m’atifi ma, anadwo nsosɔeɛ ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios