Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 22:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na Abraham faa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina no de soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu kɔe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Abraham faa nnyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no de soaa ne ba Isak. Na ɔno nso faa ogya ne sekan kurae. Bere a wɔrekɔ no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Abraham faa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina no de soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu kɔe.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Abraham faa ɔhyew afɔre nnyina no de soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu kɔe.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 22:6
7 Referencias Cruzadas  

Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: Mo ne afunumu yi ntena ha; na me ne abarimaa yi bɛkɔ nohoa akɔsɔre, na yɛasane aba mo nkyɛn.


Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, AWURADE asoma me Yordan ano. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔn baanu no kɔe.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so.


Na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ, na ɔsoaa yɛn nyarewa.


Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.


Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios