Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 20:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na afei dane ɔbarima no yere kɔma no, ɛfiri sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannane no ankɔma no a, ɛnneɛ, hunu sɛ wuo na wobɛwuo, wo ne deɛ ɛwɔ woɔ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ne saa nti san fa ɔbarima no yere no kɔma no, efisɛ saa ɔbarima no yɛ odiyifo a obetumi abɔ mpae ama wo ama woatena. Na sɛ woansan amfa no ankɔma no a, hu sɛ, wo ne wʼasefo nyinaa bewuwu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na afei dane ɔbarima no yere kɔma no, ɛfiri sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannane no ankɔma no a, ɛnneɛ, hunu sɛ wuo na wobɛwuo, wo ne deɛ ɛwɔ woɔ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ne saa enti sane fa ɔbarima no yere no kɔma no, ɛfiri sɛ, saa ɔbarima no yɛ odiyifoɔ a ɔbɛtumi abɔ mpaeɛ ama wo, ama woatena. Na sɛ woansane amfa no ankɔma no a, hunu sɛ, wo ne wʼasefoɔ nyinaa bɛwuwu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na afei dan ɔbarima no yere kɔma no, efisɛ ɔyɛ odiyifo, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannan no ankɔma no a, ɛnne, hu sɛ owu na wubewu, wo ne nea wowɔ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 20:7
42 Referencias Cruzadas  

Na afei momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo tiri so mpaeɛ, na ɔno nko ara anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.


Na Samuel kaa sɛ: Monhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpaeɛ memma mo.


Wɔnni awadeɛ ni, ade nyinaa mu, na wɔnngu awadeɛ mpa ho fi; ɛfiri sɛ nnwamamfoɔ ne awaresɛefoɔ deɛ, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.


Na Dawid hunuu ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no no, ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, me na mayɛ bɔne, na me na mafom, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo nsa mmra me ne m’agya fie so.


Sɛ monnka wɔn a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne biara.


Ɛnna Naaman bo fuiɛ, na ɔsii mu kɔe, kaa sɛ: Hwɛ, mesusuu sɛ: Fire na ɔbɛfiri aba abɛgyina hɔ abɔ AWURADE ne Nyankopɔn din, na ɔde ne nsa asra hɔ, na wasa kwata no.


Sɛ obi hunu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owuo mu; ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ mpaeɛ mmisa.


Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom no,


Deɛ ɔkasa kasa bie no ma ɔno ara ne ho nkɔsoɔ, na deɛ ɔhyɛ nkɔm no ma asafo no nkɔsoɔ.


Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Ɔbɔnefoɔ, wuo na wobɛwuo, na sɛ woanka ammɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho a, ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu, na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa.


Sɛ mese ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no, antwe ɔbɔnefoɔ no amfiri n’akwammɔne so, na wannya nkwa a, ɛnneɛ ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu deɛ, nanso ne mogya deɛ mɛbisa no wɔ wo nsam.


Na sɛ wɔyɛ adiyifoɔ, na sɛ AWURADE asɛm wɔ wɔn hɔ a, ma wɔnkoto nsrɛ asafo AWURADE, na nnoɔma a aka AWURADE fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem no ankɔ Babel.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; yi wɔn firi m’ani so na ma wɔnkɔ!


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mpa kyɛw nsrɛ papa mma ɔman yi.


AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no, na ɔma wɔhunu n’apam no mu.


Deɛ ɔnhwɛ atitire anim, na ɔmmu ɔdehyeɛ nsene mmɔborɔni; ɛfiri sɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.


Ɛnna ɔhene srɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa nsane mmra me ho. Na Nyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no sane baa ne ho, na ɛyɛɛ sɛ kane no.


me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no.


Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma wo nkoa, na yɛanwu, ɛfiri sɛ yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa.


Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nnyae osu a woresu afrɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛn no, na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam.


Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ AWURADE anim, na wɔde adeɛ biara a wayɛ a ɔdi ho so no bɛkyɛ no.


sɛ ɛba sɛ ɔyɛ bɔne na ɔdi so saa a, ɔmfa adeɛ a ɔfaeɛ anaa adeɛ a ɔdii mu amim, anaa adeɛ a wɔde maa no asie anaa adeɛ a ɛyeraeɛ a ɔhunuiɛ,


Na Mose ase no ka kyerɛɛ no sɛ: Deɛ woyɛ yi nyɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, madane wo Onyankopɔn ama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifoɔ.


Na ɔbɛyɛ wo kyeame ama ɔman no, na ɔbɛdane w’ano, na woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no.


Ɛsiane Abraham yere Sara ho asɛm no nti, na AWURADE ato Abimelek fiefoɔ mmaa nyinaa yafunu mu.


Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛseɛ haa Farao ne ne fie.


Na Farao atitire hunuu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbaa no kɔɔ Farao fie.


Na mmom papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, nni; ɛfiri sɛ da a wobɛdi bie no, wuo na wobɛwuo.


Na Simon buaa sɛ: Monsrɛ Awurade mma me, na deɛ moaka yi mu biara amma me so.


Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa a woakɔfa no no nti, woawu awie, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.


Na Abimelek sɔree anɔpatutu frɛɛ ne nkoa nyinaa, na ɔkaa nsɛm yi nyinaa guu wɔn aso mu, na nnipa no suroo pii.


Owura, tie yɛn! Okunini bi ne wo wɔ yɛn mu. Yɛn ada mu deɛ wopɛ no, sie w’amu no wɔ mu. Yɛn mu biara renkame wo ne da, sɛ nsie w’amu wɔ mu.


Na ɔman no mu dodoɔ, nnipa bebree a wɔfiri Efraim ne Manase ne Isakar ne Sebulon annya annwira wɔn ho, na wɔdii Twam no, nso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no. Ɛfiri sɛ Hesekia bɔɔ mpaeɛ maa wɔn, na ɔkaa sɛ: AWURADE a woyɛ, fa kyɛ


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios