Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 2:18 - Twerɛ Kronkron

18 Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ onipa nko tena; mɛyɛ ne nsɛsoɔ boafoɔ mama no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Afei Awurade Nyankopɔn kae se, “Enye sɛ onipa nko tena; mɛbɔ ɔboafo a ɔfata no ama no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ onipa nko tena; mɛyɛ ne nsɛsoɔ boafoɔ mama no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Afei, Awurade Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛnyɛ sɛ onipa nko ara tena; mɛbɔ ɔboafoɔ a ɔfata no ama no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na AWURADE Nyankopɔn kae sɛ: Enye sɛ onipa nko tena, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 2:18
10 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.


Na onipa totoo afiemmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoadoma nyinaa din. Nanso onipa deɛ wɔannya ne boafoɔ a ɔfata amma no.


Na Adam kaa sɛ: Ɔbaa no a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba no bie, na mediiɛ.


Deɛ wanya yerɛ no, wanya adepa, na wanya AWURADE hɔ anisɔ.


Na sɛ obi dwene sɛ ne nneyɛɛ wɔ n’asiwa bi a waso awadeɛ soɔ mfata, nanso ɛhia a, ɔnyɛ deɛ ɔpɛ, ɛnyɛ bɔne, ma wɔnware.


Okununom, mo ne wɔn ntena nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne adeɛ a ne ho nyɛ den, na monni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa adom no adedifoɔ bi, na mo mpaebɔ kwan ansi.


Na n’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, mennhwehwɛ ahomeeɛ memmma wo na asi wo yie anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios