Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 19:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na ɔkaa sɛ: Anuanom, mesrɛ mo, monnyɛ bɔne saa!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom, mesrɛ mo, munni amumɔyɛsɛm a ɛte saa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔkaa sɛ: Anuanom, mesrɛ mo, monnyɛ bɔne saa!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom, mesrɛ mo, monnyɛ amumuyɛsɛm a ɛte saa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔkae sɛ: Anuanom, mesrɛ mo, monnyɛ bɔne sa!

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 19:7
13 Referencias Cruzadas  

Na wɔnnya nkɔdaeɛ no, Sodom kurom hɔfoɔ bɛtwaa ɛdan no ho hyiae, ɛfiri mmɔfra so kɔsi mpanimfoɔ so, ɔman mu no nyinaa.


Na Lot firi kɔɔ wɔn nkyɛn ɛpono ano, na ɔtoo ɛpono no mu wɔ n’akyi.


Hwɛ, mewɔ mmammaa baanu a wɔnhunuu ɔbarima, momma memfa wɔn mfiri mmrɛ mo, na monyɛ wɔn sɛdeɛ ɛyɛ mo ani soɔ na mmarima yi nko deɛ, monnyɛ wɔn hwee, na ɛno nti na wɔbaa me suhyɛ aseɛ yi.


Na wo ne ɔbarima nnna ɔbaa nna; ɛyɛ akyiwadeɛ.


Na ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbaa nna no, wɔn baanu ayɛ akyiwadeɛ, kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.


na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn


Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa efideɛ, wɔn akoma akɔnnɔ mu, sɛ wɔngu wɔn nipadua ho fi wɔ wɔn mu;


Israel mmammaa mu biara nnnane odwamamfoɔ, na Israel babarima biara nnnane odwamamfoɔ.


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


Na ɔbarima efiewura no firii adi kɔɔ wɔn nkyɛn hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, me nuanom, monnyɛ adebɔne yi! Sɛ ɔbarima yi anya abɛsoɛ me fie yi, monnni nkwaseasɛm yi.


Na Ebed ba Gaal ne ne nuanom ba bɛsene kɔɔ Sekem; na Sekemfoɔ no de wɔn ani too ne so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios