Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 17:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na wɔremfrɛ wo din Abram bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri sɛ mayɛ wo aman pii agya.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, efisɛ mayɛ wo aman bebree agya.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔremfrɛ wo din Abram bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri sɛ mayɛ wo aman pii agya.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri sɛ, mayɛ wo aman bebree agya.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔremfrɛ wo din Abram, a ase ne: Agya a wɔama no so bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham ase ne: Nnipakuw agya, efisɛ mayɛ wo aman pii agya.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 17:5
16 Referencias Cruzadas  

Wone AWURADE, Onyankopɔn a wofaa Abram na woyii no firii Ur a ɛwɔ Kaldea, na wotoo no din Abraham no.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo yere Sarai deɛ, mfrɛ no Sarai bio, na mmom Sara.


Na ɔkaa sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ no Israel, ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Mede wo mayɛ amanaman mufoɔ bebree agya,) Onyankopɔn a ɔgyee no diiɛ a ɔnyane awufoɔ, na ɔfrɛ nnoɔma a ɛmmaeɛ sɛ nnoɔma a ɛwɔ hɔ no anim.


Na adeɛ kyeeɛ no, Pasur yii Yeremia firii dua no mu. Na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ Pasur na AWURADE ato wo din, na mmom Magormisabib.


Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu hunuu no no, ɔkaa sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛaseɛ ne Petro).


Ne berɛ so na wɔbɛgye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na yei ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn tenenee.


Na mobɛgya mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mayi wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bɛku mo, na wato ne nkoa din foforɔ,


na ɔsoma nam Odiyifoɔ Natan so kɔtoo no din Yedidia, ɛsiane AWURADE nti.


yeinom ne mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no din. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Wo din de Yakob, nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom Israel ne wo din; na ɔtoo no din Israel.


Na Yakob bisaa no sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me wo din. Na ɔse: Adɛn nti na worebisa me din? Na ɔbarima no hyiraa no wɔ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios