Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 16:12 - Twerɛ Kronkron

12 Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ ɛserɛ so afunumu. Ne nsa bɛtia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nsa atia no, na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔbɛyɛ sɛ sare so afurum. Obetia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nso betia no; atutuwpɛ so na ɔne ne nuanom bɛtena.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ ɛserɛ so afunumu. Ne nsa bɛtia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nsa atia no, na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔbɛyɛ sɛ ɛserɛ so afunumu. Ɔbɛtia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nso bɛtia no; atutupɛ so na ɔne ne nuanom bɛtena.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ sare so afurum, ne nsa bɛtia nnipa nyinaa, na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 16:12
7 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn dii abarimaa no akyi, na ɔnyinii, na ɔtenaa ɛserɛ so hɔ yɛɛ agyantoni.


Na wɔtena firi Hawila kɔsii Sur a ɛwɔ Misraim ntentensoɔ de rekɔ Asiria no. Na ɔne ne nuanom antena no asomdwoeɛ mu.


Wo nkrantɛ so na wonam bɛtena aseɛ, na wobɛsom wo nua. Nanso ɛbɛba sɛ wobɔ mmɔden kentene wo ho a, wobɛyi ne kɔnnua afiri wo kɔn so.


Na wɔtenaa ase didii. Na wɔmaa wɔn ani so hwɛe, wɔhunuu Ismaelfoɔ akwantufoɔkuo bi a wɔfiri Gilead rekɔ Misraim ne wɔn yoma a wɔsoso hyehwam ne akyenkyennuro ne kurobo sɛ wɔreba.


Na onipa tibɔnkɔso nya nyansa akoma a, na ɛte sɛdeɛ wɔawo afunumu ba onipa.


Hwɛ, sɛ anwea pradada so mfunumu firi adie no, saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadie so kɔpɛ aduane, ɛserɛ so na wɔnya aduane ma mmɔfra.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios