Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 15:4 - Twerɛ Kronkron

4 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔbɛdi w’adeɛ, na deɛ ɔbɛfiri wo ara w’asene mu na ɔbɛdi w’adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔbarima yi renni wʼade da, gye wʼankasa wo yafunumma.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔbɛdi w’adeɛ, na deɛ ɔbɛfiri wo ara w’asene mu na ɔbɛdi w’adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔbarima yi renni wʼadeɛ da, agye wʼankasa wo yafumma.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Ɛnyɛ oyi na obedi w'ade, na nea obefi wo ankasa asen mu no na obedi w'ade.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 15:4
8 Referencias Cruzadas  

Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.


Na mɛhyira no, na mama wo ne mu ɔba nso, ampa ara, mɛhyira no. Ɔbɛyɛ aman, na aman ahemfo bɛfiri ne mu.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Mma abɔfra no ne w’afenaa asɛm no nnyɛ wo ya, na deɛ Sara ka kyerɛɛ woɔ nyinaa, tie, na Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.


Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa sɛ: Hwɛ, me ba a ɔfiri me yam na ɔrehwehwɛ me aku me yi, na kampɛsɛ Benyaminni yi. Monnyaa no mma no nnome, ɛfiri sɛ AWURADE na wahyɛ no.


Sɛ wo nna wie duru na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni a ɔfiri wo yam so w’akyi, na mama n’ahennie atim.


Ɛnna AWURADE somaa ɔbɔfoɔ maa no bɛdwerɛɛ Asiriahene nsraban mu nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho ne mmapɔmma ne asafohene nyinaa, na ɔde aniwuo sane kɔɔ n’asase so. Na ɔkɔhyɛnee ne nyame fie, na ɛhɔ na wɔn a wɔfiri ne yafunu mu no mu bi maa no tɔɔ nkrantɛ ano.


Na yɛn deɛ, anuanom, sɛdeɛ Isak teɛ no, yɛyɛ bɔhyɛ mma.


Ɔno ara na masoma no wo nkyɛn bio; onipa a ɔte sɛ me ara m’akoma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios