Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 13:12 - Twerɛ Kronkron

12 Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot deɛ, ɔtenaa Yordan kanko no nkuro mu, na ɔtutuu ne ntomadan ara de kɔduruu Sodom.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Abram tenaa Kanaan asase so. Na Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na okosii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot deɛ, ɔtenaa Yordan kanko no nkuro mu, na ɔtutuu ne ntomadan ara de kɔduruu Sodom.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Abram tenaa Kanaan asase so. Ɛnna Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na ɔkɔsii ne ntomadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot de, ɔtenaa Yordan dantaban no nkurow mu, na otutuu ne ntamadan ara de koduu Sodom.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 13:12
10 Referencias Cruzadas  

Na Lot yii Yordan kanko no nyinaa, na ɔtu faa apueeɛ fam; na anuanom no dii mpaapaemu.


Na wɔfaa Abram nua ba Lot a ɔte Sodom ne n’ahodeɛ kɔe.


wɔne Sodom hene Bera ne Gomora hene Birsa, Adma hene Sinab ne Seboim hene Semeber ne Bela (a ɛne Soar) hene dii ako.


Na abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ; na Lot te Sodom kuro pono ano. Na Lot hunuu wɔn no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ:


Na AWURADE tɔɔ sɔfe ne ogya firi ɔsoro guu Sodom ne Gomora so.


Na ɔbutuu nkuro no ne kanko no nyinaa ne wɔn a wɔtete nkuro no mu nyinaa ne deɛ afifiri asase no soɔ.


Enti berɛ a Onyankopɔn sɛee kanko no nkuro no no, ɔkaee Abraham, na ɔgyee Lot firii butuo a ɔbutuu nkuro a Lot te mu no mu.


Metane nnipa bɔne dwabɔ, na me ne nnebɔneyɛfoɔ ntena.


Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekuo bɔne sɛe ɔbra pa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios