Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Mose 10:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na Ham mma ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ham asefo ni: Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Ham mma ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ham asefoɔ nie: Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Ham mma ne Kus ne Misraim ne Put ne Kanaan.

Ver Capítulo Copiar




1 Mose 10:6
15 Referencias Cruzadas  

Yeinom mu na nsuano amanaman no firi kɔpetee wɔn nsase soɔ, sɛdeɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua teɛ, wɔn amanaman mu.


Na asuo a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon. Ɛno na ɛkonton twa Kus asase nyinaa ho hyia.


Na Noa dii mfirinhyia ahanum no, ɔwoo Sem, Ham ne Yafet.


Na Noa mma a wɔfirii adaka no mu firii adie ne Sem, Ham ne Yafet; na Ham ne Kanaan n’agya.


Na Kanaan agya Ham kɔhunuu n’agya adagya mu, na ɔkɔka kyerɛɛ ne nuanom baanu no wɔ adihɔ.


Na wɔhunuu adidibea frɔmfrɔm a ɛyɛ, na asase no mu trɛ tɛtrɛɛ, na ɛso dwo komm; na wɔn a wɔtete hɔ kane no firi Ham.


Ɛnna Israel baa Misraim, na Yakob bɛsoɛɛ Ham asase so sɛ hɔhoɔ.


Wɔyii ne nsɛnkyerɛnneɛ sii wɔn mu, ne anwanwadeɛ, Ham asase so.


ɔyɛɛ anwanwadeɛ Ham asase so, ne ahudeɛ, Mmɛwa Po ho no.


Na ɔkum Misraim mmakan nyinaa, wɔn ahoɔden asefire, Ham ntomadan mu.


Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.


Montenatena apɔnkɔ so, na nteaseɛnam ntu yirididi na nnɔmmarima no mfiri adi, Etiopia ne Put, akyɛmkurafoɔ no ne Lidiafoɔ a wɔkura tadua pono mu no.


Persia ne Lidia ne Put wɔ wo dɔm mu, yɛ w’akofoɔ, wɔde kyɛm ne dadeɛ kyɛ sensɛne wo mu, wɔn na wɔmaa w’anim baa nyam.


Persia, Etiopia ne Put ka wɔn ho, wɔn nyinaa wowɔ ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios