Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 9:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na Sera mma mu: Yeuel ne ne nuanom, ahansia aduɔkron.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Serah abusua mu no: Yeuel ne nʼabusuafo na wɔsan bae. Yuda abusuakuw no mu mmusua ahansia aduɔkron (960) na wɔsan bae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Sera mma mu: Yeuel ne ne nuanom, ahansia aduɔkron.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Serah abusua mu no: Yeuel ne nʼabusuafoɔ na wɔsane baeɛ. Yuda abusuakuo no mu mmusua ahansia aduɔkron (690) na wɔsane baeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 na Serah mma mu: Yeuel ne ne nuanom, ahansia aduakron.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 9:6
7 Referencias Cruzadas  

Na akyire yi no, ne nua a asaawa kɔkɔɔ bɔ ne nsa soɔ no bae, na ɔtoo no din Sera.


Na Yuda mmammarima ne: Er, Onan, Sela, Peres ne Sera; (na Er ne Onan wuu Kanaan asase so.) Na Peres mmammarima ne: Hesron ne Hamul.


Na n’ase Tamar woo Peres ne Sera maa no. Na Yuda mma nyinaa yɛ baanum.


Na Sera mma ne: Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara, wɔn nyinaa yɛ baanum.


Na Silonifoɔ mu deɛ: Abakan Asaia ne ne mma.


Na Benyamin mma mu: Hasenua ba Hodawia ba Mesulam ba Salu,


Na Yuda mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Sela deɛ, Selafoɔ abusua; Peres deɛ, Peresfoɔ abusua; Sera deɛ, Serafoɔ abusua.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios