Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 3:16 - Twerɛ Kronkron

16 Na Yehoiakim mma ne: Ne ba Yekonia, ne ba Sedekia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Yehoiakim babarima Yehoiakyin na odii nʼade, na ɔno nso ne wɔfa Sedekia bedii nʼade.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na Yehoiakim mma ne: Ne ba Yekonia, ne ba Sedekia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yehoiakim babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ, ɛnna ɔno nso ne wɔfa Sedekia bɛdii nʼadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na Yehoiakim mma ne: Ne ba Yekonia, ne ba Sedekia.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 3:16
12 Referencias Cruzadas  

na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, ɛberɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no mu.


Na Yehoiakim tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Yehoiakyin bɛdii n’adeɛ.


Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE asɛm nie, sɛ Yudahene Konia, a ɔyɛ Yehoiakim ba no yɛ me nifa so nsɔanokaa mpo a, anka mɛte no afiri hɔ.


Na Babel hene tuu Yehoiakyin adeɛ so, na ɔde n’agya nuabarima Matania a ɔsakyeraa ne din frɛɛ no Sedekia no sii n’anan.


Yehoiakyin bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Nehusta a ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem babaa.


Ɔbarima Konia yi ayɛ sɛ anwonneɛ a abɔ na wɔmmuo, anaa adeɛ bi a obiara ani nnye ho? Adɛn nti na wɔto no ne n’asefoɔ gu asase a wɔnnim soɔ so yi?


Yehoiakyin dii mfeɛ nwɔtwe na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa ne dadu wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.


Na Yosia mma ne: N’abakan Yohanan, Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu, Sedekia tɔ so mmiɛnsa, Salum tɔ so nnan.


Na ɛbaa sɛ Yuda hene tukorɔ afe a ɛtɔ so aduasa nson bosome a ɛtɔ so dummienu da a ɛtɔ so aduonu nson, ɛne afe a Babelhene Ewil-merodak dii mu hene no, nam adom so yii Yudahene Yehoiakyin firii nneduadan mu,


Na Yekonia mma ne: Asir, ne ba Sealtiel,


Na Sedekia a ɔyɛ Yosia ba bɛdii hene sii Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba a Babelhene Nebukadnessar sii no Yuda asase so hene no ananmu.


Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, ɔtuaa nhema somaa wɔn, ɛfiri sɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios