Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 26:12 - Twerɛ Kronkron

12 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no nkyekyɛmu, sɛdeɛ mmarima no atitire teɛ. Wɔwɔ ɔwɛn adwuma wɔn nuanom ntentensoɔ, sɛ wɔnsom AWURADE fie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Saa apon ano hwɛfo akuw yi nam wɔn mmusua ntuanofo so som wɔ Awurade fi, sɛnea wɔn abusuafo yɛe no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no nkyekyɛmu, sɛdeɛ mmarima no atitire teɛ. Wɔwɔ ɔwɛn adwuma wɔn nuanom ntentensoɔ, sɛ wɔnsom AWURADE fie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Saa apono ano ahwɛfoɔ akuo yi nam wɔn mmusua ntuanofoɔ so somm wɔ Awurade fie, sɛdeɛ wɔn abusuafoɔ yɛeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Eyinom ne aponanohwɛfo no nkyekyem, sɛ wɔn atitiriw te; wɔwɔ ɔwɛn adwuma sɛ wɔn nuanom no, na wɔsom AWURADE fi.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 26:12
7 Referencias Cruzadas  

Na wɔba bɛfrɛɛ kuro no apono ano ahwɛfoɔ, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛkɔɔ Siriafoɔ nsram, na hwɛ, onipa biara ne onipa nne biara nni hɔ gye apɔnkɔ a wɔasesa wɔn ne mfunumu a wɔasesa wɔn ne ntomadan no, sɛdeɛ ɛteɛ.


Na wɔtwee ɔhwɛ adwuma no so ntonto pɛ maa wɔn mu nkumaa ne akɛseɛ, animdefoɔ ne asuafoɔ.


Hilkia tɔ so mmienu, Tebalia tɔ so mmiɛnsa, Sakaria tɔ so nnan; Hosa mma ne ne nuanom nyinaa yɛ dummiɛnsa.


Na wɔtwee ntonto, nkumaa ne akɛseɛ so, sɛ wɔn mpanimfie teɛ, de yiyii wɔn apono.


Na wɔne wɔn mma wɔ apono no ano AWURADE fie, ntomadan fie no, rewɛn;


Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apueeɛ pono no na na ɔhwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ayɛyɛdeɛ no soɔ, sɛ ɔde AWURADE mmasoɔ adeɛ ne akronkronneɛ mu adekronkron no bɛma.


Na nnwontofoɔ, Asaf mma no nso wɔ wɔn gyinabea, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunufoɔ no hyɛeɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no wɔ ɛpono ne ɛpono ho: Na ɛnhia sɛ wɔgya wɔn som, ɛfiri sɛ wɔn nuanom Lewifoɔ siesie maa wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios