1 Berɛsosɛm 24:6 - Twerɛ Kronkron6 Na Netanel ba Ɔtwerɛfoɔ Semaia a ɔfiri Lewifoɔ mu no twerɛɛ ne nyinaa wɔ ɔhene ne mmapɔmma ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ agyanom mu atitire no anim, wɔyii agya fie baako maa Eleasa ansa na wɔreyi baako nso ama Itamar. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm6 Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo. Ɔkyerɛw din ne nnwuma ahorow wɔ ɔhene no ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfo no ne Lewi mmusua no mpanyimfo anim. Eleasar ne Itamar asefo bobɔɔ ntonto sɛnea edidi so yi: Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible6 Na Netanel ba Ɔtwerɛfoɔ Semaia a ɔfiri Lewifoɔ mu no twerɛɛ ne nyinaa wɔ ɔhene ne mmapɔmma ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ agyanom mu atitire no anim, wɔyii agya fie baako maa Eleasa ansa na wɔreyi baako nso ama Itamar. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm6 Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔtwerɛɛ din ne nnwuma ahodoɔ wɔ ɔhene no ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewi mmusua no mpanimfoɔ anim. Eleasa ne Itamar asefoɔ bobɔɔ ntonto sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi: Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON6 Na Netanel ba ɔkyerɛwfo Semaia a ofi Lewifo mu no kyerɛw wɔn din, ɔhene ne mmapɔmma ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfo no ne Lewifo agyanom mu atitiriw no anim, wɔtwee agya fi biako maa Eleasar ansa na wɔtwee biako nso maa Itamar. Ver Capítulo |