Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 21:8 - Twerɛ Kronkron

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mayɛ bɔne pa ara sɛ madi saa asɛm yi, na afei mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mayɛ bɔne kɛse. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseade a mayɛ no kyɛ me.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mayɛ bɔne pa ara sɛ madi saa asɛm yi, na afei mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mayɛ bɔne kɛseɛ. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseadeɛ a mayɛ no kyɛ me.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mayɛ bɔne pa ara sɛ madi saa asɛm yi, na afei mesrɛ wo, ma w’akoa amumɔyɛ nsen nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 21:8
16 Referencias Cruzadas  

Na Yakob mmammarima teeɛ no, wɔfirii wiram bae. Na ɛyɛɛ mmarima no ya, na wɔn bo fuu pa ara, sɛ Sekem adi Israel ho nkwaseasɛm sɛ ɔne Yakob babaa akɔda; adeɛ a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ AWURADE bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE nso de wo bɔne akyɛ wo, worenwu.


Na me deɛ, ɛhe mpo na mede m’ahohora bɛkorɔ? Na wo deɛ, wobɛyɛ sɛ Israel mu nnyegyentwie no bi. Na afei ɛne ɔhene nkɔkasa, na ɔremfa me nkame wo.


Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!


Nanso asɛm yi ansɔ Nyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfoɔ bɛn na mo nso moretuo, na yɛde akɔbua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔnnua a w’agya de too yɛn soɔ no so ma no nyɛ hare, no?


AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me, na ɛdɔɔso pii.


Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumuyɛ so. Mekaa sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Wo na wode me bɔne so mmusuo kyɛeɛ.


Hunu w’amumuyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woakyini aduru ananafoɔ nkyɛn, dua biara a ɛyɛ frɔmm ase, na me nne deɛ, moantie, AWURADE asɛm nie.


Momfa nsɛm nkura nsane mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ.


Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ woɔ no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahennie atim Israel so daa:


Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mayɛ bɔne, sane bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ me kra boɔ ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom bebree pa ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios