Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 20:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na Dawid yii wɔn hene abotire firii ne ti, na ɔhunuu sɛ ne duruduro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu; na wɔde hyɛɛ Dawid ti. Na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi bae.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a Dawid duu Raba no, otuu ɔhene no ahenkyɛw, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛw no na wɔde aboɔdemmo abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa anan. Dawid faa asade bebree fii kurow no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Dawid yii wɔn hene abotire firii ne ti, na ɔhunuu sɛ ne duruduro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu; na wɔde hyɛɛ Dawid ti. Na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi bae.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛberɛ a Dawid duruu Raba no, ɔtuu ɔhene no ahenkyɛ, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛ no na wɔde aboɔdemmoɔ abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid faa asadeɛ bebree firii kuro no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na Dawid yii wɔn hene abotiri fii ne ti, na ohui sɛ ne duru yɛ sika dwetikɛse, na aboɔden abo wɔ mu; na wɔde bɔɔ Dawid ti. Na ɔde kurow no mu asade bebree pa fi bae.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 20:2
3 Referencias Cruzadas  

Ɛnonom nso na Ɔhene Dawid yɛɛ no kronkron maa AWURADE. Na ɔhyiraa dwetɛ ne sika a ɔkɔsoa firii amanaman no nyinaa Edomfoɔ, Moabfoɔ ne Amon mma ne Filistifoɔ ne Amalekfoɔ mu no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios