Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 2:42 - Twerɛ Kronkron

42 Na Yerahmeel nua Kaleb mma ne: N’abakan Mesa a ɔne Sif agya ne Hebron agya Maresa mma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Yerahmeel nua Kaleb babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya. Na Kaleb babarima a ɔto so abien din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

42 Na Yerahmeel nua Kaleb mma ne: N’abakan Mesa a ɔne Sif agya ne Hebron agya Maresa mma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Yerahmeel nua Kaleb babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya. Na Kaleb babarima a ɔtɔ so mmienu din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

42 Na Yerahmeel ne nua Kaleb mma ne: N’abakan Mesa a ɔne Sif agya, ne Hebron agya Maresa mma.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 2:42
20 Referencias Cruzadas  

Ruben, m’abakan ne wo; m’ahoɔden ne me mmaninyɛ asefire. Woboro so anidie mu, woboro so tumi mu.


na Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama.


Na Hebron mma ne: Kora ne Tapua ne Rekem ne Sema.


Na Samai ba ne Maon. Na Maon yɛ Bet-sur agya.


na ɔwoo Saaf a ɔyɛ Madmana n’agya, Sewa a ɔyɛ Makbena n’agya, ne Gibea n’agya. Na Kaleb babaa ne Aksa.


Na Sobal a ɔyɛ Kiriat-yearim n’agya wɔ mma, wɔne Haroe ne Menuhotfoɔ wɔ afa.


Na Hesron mma a wɔwoo wɔn maa no ne: Yerahmeel ne Ram ne Kelubai.


Na wɔn a wɔtenaa Gibeon ne Gibean n’agya Yeiel a ne yere din de Maaka,


Na wɔn a ɔhunuu wɔn sieeɛ no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan.


ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no badwa, ne Onyankopɔn, nnipa nyinaa temmufoɔ no, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ pɛ ahonhom,


Sif ne Telem ne Bealot,


ne Keila ne Aksib ne Maresa: Nkuro nkron ne ɛho nkuraa.


Maon, Karmel ne Sif ne Yuta,


Ɛnna Sififoɔ foro kɔɔ Saulo nkyɛn Gibea kɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid na ɔhunta yɛn nkyɛn wɔ atenaeɛ a ɛwɔ Hores, Hakila kokoɔ a ɛwɔ ɛserɛ pataa no anafoɔ fam no soɔ no?


Na Sififoɔ baa Saulo nkyɛn Gibea bɛkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid na ɔhunta Hakila kokoɔ a ɛkyerɛ pataa no anim no soɔ no?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios