Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 2:4 - Twerɛ Kronkron

4 Na n’ase Tamar woo Peres ne Sera maa no. Na Yuda mma nyinaa yɛ baanum.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Akyiri no, Yuda ne nʼase kunafo Tamar woo nta. Na wɔn din de Peres ne Serah. Enti Yuda woo mmabarima baanum.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na n’ase Tamar woo Peres ne Sera maa no. Na Yuda mma nyinaa yɛ baanum.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah. Enti Yuda woo mmammarima baanum.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na n’ase Tamar woo Peres ne Serah maa no. Yuda mma nyinaa si baanum.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 2:4
14 Referencias Cruzadas  

Na afei Yuda ka kyerɛɛ n’ase Tamar sɛ: Kɔtena kuna mu wɔ w’agya fie kɔsi sɛ me ba Sela bɛnyini. Ɛfiri sɛ ɔse, anyɛ saa a, ɔno nso bɛwu sɛ ne nuanom. Na Tamar kɔ kɔtenaa n’agya fie.


Peres mma ne: Hesron ne Hamul.


Yuda mma ne: Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.


Bani a ɔfiri Peres a ɛwɔ Yuda mma mu no ba Imri ba Omri ba Amihud ba Utai.


Na Sera mma mu: Yeuel ne ne nuanom, ahansia aduɔkron.


Na Mesesabel ba Petahia a ɔfiri Yuda ba Sera mma mu no hyɛ ɔhene ase ɔman no ho asɛm nyinaa mu.


Na Yerusalem deɛ, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ɔfiri Peres mma no mu.


Sera deɛ, Serafoɔ abusua; Saulo deɛ, Saulfoɔ abusua.


Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, na Peres woo Hesron, na Hesron woo Ram,


Aminadab ba, Admin ba, Arni ba, Hesron ba, Peres ba, Yuda ba,


Na w’asefoɔ a AWURADE de bɛma woɔ afiri ababaa yi mu no nyɛ sɛ Peres a Tamar woo no maa Yuda fie no asefoɔ.


Yeinom ne Peres awoɔ ntoatoasoɔ: Peres woo Hesron,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios