Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 19:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na wɔgyee nteaseɛnam mpemaduasa mmienu ne Maakahene ne ne man adɔm, na wɔba bɛkyeree nsraban Medeba anim, na Amonfoɔ no nso firii wɔn nkuro mu boaboaa wɔn ano baa akono hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔsan pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa abien, na wonyaa akyigyina fii Maakahene ne nʼakofo nkyɛn. Saa asraafodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon asraafodɔm a Hanun nya fii nʼankasa nkurow so no kɔkaa wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na wɔgyee nteaseɛnam mpemaduasa mmienu ne Maakahene ne ne man adɔm, na wɔba bɛkyeree nsraban Medeba anim, na Amonfoɔ no nso firii wɔn nkuro mu boaboaa wɔn ano baa akono hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔsane pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa mmienu, na wɔnyaa akyigyina firii Maakahene ne nʼakodɔm nkyɛn. Saa akodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon akodɔm a Hanun nya firii nʼankasa nkuro so no kɔkaa wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 na wogyee nteaseɛnam ɔpeduasa abien ne Maaka hene ne ne man adɔm, na wɔbae bɛbɔɔ nsra Medeba anim, na Amonfo no nso fii wɔn nkurow mu boaboaa wɔn ho ano baa akono hɔ.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 19:7
12 Referencias Cruzadas  

Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Dawid bo afu wɔn no, Amonfoɔ no soma maa wɔkɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafoɔ ne Soba Siriafoɔ paa, anammɔnmufoɔ mpem aduonu ne Maakahene nnipa apem ne Tob mmarima mpem dummienu.


Na Dawid gyee ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.


Na Dawid teeɛ no, ɔsomaa Yoab ne nnɔmmarima dɔm no nyinaa kɔe.


Na Etiopiani Sera de dɔm a ano si apem ahodoɔ apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na ɔbɛduruu Maresa.


Na Misraimfoɔ tii wɔn, Farao nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa ne n’apɔnkɔfoɔ ne ne dɔm no, na wɔbɛtoo wɔn sɛ wɔakyere nsraban wɔ po no ano a ɛkyerɛ Pihahirot wɔ Baalsefon anim.


wɔreforo akɔ Bayit ne Dibon sorɔnsorɔmmea akɔsu, Moab retwa adwo, Nebo ne Medeba; wɔn nyinaa abobɔ tikwa, wɔn nyinaa ayiyi wɔn bɔdwesɛ;


Na yɛabɔ wɔn agu, Hesbon ayera akɔduru Dibon; yɛasɛe wɔn akɔfa Nofa de akɔduru Medeba.


Na wɔn hyeɛ no firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu ne Medeba ho asaseta no nyinaa.


ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu no, ne Medeba asaseta no nyinaa kɔsi Dibon,


Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.


Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios