Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 19:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔdwesɛ bɛfuo ansa na moasane aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Bere a Dawid tee asɛm no, otuu abɔfo kɔɔ asomafo no nkyɛn kɔkae se, “Montena Yeriko mma mo abogyesɛ no mfuw ansa na moaba.” Efisɛ na wɔn ho ayɛ fɛre yiye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔgyesɛ bɛfuo ansa na moasane aba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛberɛ a Dawid tee asɛm no, ɔtuu abɔfoɔ kɔɔ abɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔntena Yeriko kɔsi sɛ wɔn abɔgyesɛ no bɛfu, ɛfiri sɛ, na wɔn ho ayɛ fɛreɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kohyiaa wɔn, efisɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkosi sɛ mo bogyesɛ befuw ansa na moasan aba.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 19:5
7 Referencias Cruzadas  

Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔsoma maa wɔkɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara. Na ɔhene kaa sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔdwesɛ bɛfuo ansa na moasane aba.


Ne berɛ so na Betelni Hiel kyekyeree Yeriko. N’abakan Abiram wui berɛ a ɔtoo fapem, na ne ba kumaa Segub nso wui berɛ a ɔsisii ano apono, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kaeɛ no teɛ.


Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na ɔyiyii wɔn, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa, de bɛduruu wɔn nsrɛkyire, na ɔgyaa wɔn kwan.


Na Amonfoɔ no hunuu sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ de dwetɛ dwetikɛseɛ apem soma maa wɔde kɔgyee Mesopotamia ne, Aram-maaka ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ adɔm.


Na nwirakwaa no hunuu deɛ ɛsiiɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya pii, na wɔba bɛkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura no.


Na ne tirinwi firi aseɛ fui, n’ayie no akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios