Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 19:4 - Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na ɔyiyii wɔn, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa, de bɛduruu wɔn nsrɛkyire, na ɔgyaa wɔn kwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Enti Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii wɔn abogyesɛ, twitwaa wɔn ntade ano wɔ wɔn to ase, ma wɔsan kɔe.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na ɔyiyii wɔn, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa, de bɛduruu wɔn nsrɛkyire, na ɔgyaa wɔn kwan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, werɛɛ wɔn abɔgyesɛ, twitwaa wɔn ntadeɛ ano wɔ wɔn to ase, maa wɔsane de animguaseɛ kɔɔ Dawid nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na oyiyii wɔn, na otwitwaa wɔn ntade mu fa fa de beduu wɔn nsrɛkyiri, na ogyaa wɔn kwan.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 19:4
14 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Amonfoɔ asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: Wodwene sɛ, Dawid asoma hyɛdenmafoɔ aba wo hɔ enti ɔredi w’agya ni anaa? Ɛnyɛ asase so mu pɛɛpɛeɛ ne ne butuo ne ne nsra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?


Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔdwesɛ bɛfuo ansa na moasane aba.


Nanso wɔdii Nyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛw, na wɔbuu ne nsɛm no animtia, na wɔsereseree n’adiyifoɔ no de kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ no sɔre tiaa ne man no a wɔannya ano aduro.


Wɔde bɔne tua me papa ka, me kra adi basugya.


wɔreforo akɔ Bayit ne Dibon sorɔnsorɔmmea akɔsu, Moab retwa adwo, Nebo ne Medeba; wɔn nyinaa abobɔ tikwa, wɔn nyinaa ayiyi wɔn bɔdwesɛ;


saa ara nso na Asiriahene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia atukɔfoɔ, mmeranteɛ ne mpanin akorɔ na wɔanante adagya ne nnammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu.


mmarima bi firi Sekem ne Silo ne Samaria bae, wɔyɛ aduɔwɔtwe, na wɔayiyi wɔn bɔdwesɛ asunsuane wɔn ntadeɛ mu abobɔ wɔn ho akam, na wɔkura aduane afɔdeɛ ne aduhwam sɛ wɔde reba AWURADE fie.


Na etire nyinaa so apepa, na bɔdwesɛ nyinaa akuku, nsa nyinaa ho ayɛ nkamaa, na ayitoma miamia asene.


Monnkonton mo nwi ano, na nsɛe wo bɔdwesɛ ano.


Na bio ɔsomaa akoa foforɔ bi kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔpiraa no wɔ ne tirim, na wɔguu n’anim ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios