Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 18:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na Dawid dii Hadadeser, Soba a ɛhwɛ Hamat no hene so berɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsi nkaeɛ dum wɔ Eufrate asubɔnten no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ofi Soba asraafo ase de kosii Hamat, bere a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Dawid dii Hadadeser, Soba a ɛhwɛ Hamat no hene so berɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsi nkaeɛ dum wɔ Eufrate asubɔnten no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ɔfiri Soba akodɔm ase, de kɔsii Hamat wɔ ɛberɛ a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid kum Soba hene Hadadeser de kosii Hamat, ne kɔ a ɔkɔe sɛ ɔde ne nsa rekosi Eufrate asubɔnten ano no mu.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 18:3
11 Referencias Cruzadas  

Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho:


Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Dawid bo afu wɔn no, Amonfoɔ no soma maa wɔkɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafoɔ ne Soba Siriafoɔ paa, anammɔnmufoɔ mpem aduonu ne Maakahene nnipa apem ne Tob mmarima mpem dummienu.


Dawid kaa Sobahene Rehob ba Hadadeser nso gui, ɛberɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrema ne tumi akɔso Asubɔntene Eufrate ho no mu.


Na ɔdii Moabfoɔ nso so, na Moabfoɔ danee Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no.


Na Dawid gyee ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.


Na Salomo sii mu kɔɔ Hamat-soba kɔdii so.


Nanso ahemfo akɛseɛ tenaa Yerusalem, na wɔdii asuogya hɔ nyinaa so, na wɔyii toɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ maa wɔn nso.


Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afu; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.


Woama asase awoso, woapae mu, fa n’asinasini sisi anim, na ɛhinhim.


Na mɛtwa w’ahyeɛ afiri Mmɛwa Po ano akɔsi Filistifoɔ po ano, na afiri ɛserɛ so akɔsi asuo no ano; na mɛyi asase no sofoɔ mahyɛ mo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim.


Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios