Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 17:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Adeɛ biara a ɛwɔ w’akoma mu no yɛ, na Onyankopɔn di w’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Natan buae se, “Nea ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Adeɛ biara a ɛwɔ w’akoma mu no yɛ, na Onyankopɔn di w’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Natan buaa sɛ, “Deɛ ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ade biara a ɛwɔ wo koma mu no yɛ, na Onyankopɔn di w’akyi.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 17:2
13 Referencias Cruzadas  

Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Deɛ ɛwɔ w’akoma mu nyinaa kɔyɛ, na AWURADE di w’akyi.


Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi ɛdan ama AWURADE Israel Nyankopɔn din.


Na Dawid te ne fie no, ɔka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete ntweneduro dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntomadan ase.


Na anadwo no ara, Nyankopɔn asɛm baa Natan nkyɛn sɛ:


Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi efie ama AWURADE me Nyankopɔn din,


Na Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ: Me nuanom ne me man, montie me! Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi homebea fie mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ. Na masiesie ne sie no ho.


Ɔmma wo deɛ w’akoma pɛ, na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa mmra mu.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.


Na ɔbɔfoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom woɔ! Awurade ka wo ho.


Na yɛhunu adeɛ fa-ne-fa, na yɛhyɛ nkɔm fanefa.


Na mmarima no faa wɔn akwansoduane no bi, na AWURADE anomu asɛm deɛ, wɔammisa.


Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi ba mu ma wo a, yɛ deɛ wo nsa bɛso soɔ fa, na Onyankopɔn di w’akyi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios