Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 16:9 - Twerɛ Kronkron

9 Monto no dwom, monto no ayeyie dwom, monka n’anwanwadeɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no; monka nʼanwonwade no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Monto no dwom, monto no ayeyie dwom, monka n’anwanwadeɛ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no; monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Monto no dwom, monto no ayeyi dwom, monka n’anwonwade nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 16:9
16 Referencias Cruzadas  

Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.


Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom.


Na wɔtoo ayeyie dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.


Momfa sankuo ho nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sankuo mo akoma mu mma Awurade,


Onyankopɔn, wo na wofiri me mmɔfraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwanwadeɛ no mabɛduru sɛsɛɛ.


Mankora wo tenenee m’akomam, maka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ, mansi w’adɔeɛ ne wo nokorɛ so asafo kɛseɛ mu.


Ɛnna wɔn a wɔsuro AWURADE no kasakasaa wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔtwerɛɛ n’anim nkaeɛ nwoma maa wɔn a wɔsuro AWURADE na wɔbu ne din no.


sɛ wɔbɛma nnipa mma ahunu ne mmaninneɛ ne n’ahennie animuonyam a ɛhran no.


O monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wɔnhunu ne nneyɛɛ aman mu.


Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, ma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akoma ntɔ wɔn yam.


Kae sɛdeɛ wobɛkamfo ne nneyɛɛ a adasa ato ho dwom no.


Monka n’animuonyam wiase aman mu, ne n’anwanwadeɛ aman nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios