Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 16:12 - Twerɛ Kronkron

12 Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ, n’ahodwirideɛ ne n’anomu atemmusɛm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Monkae anwonwade a wayɛ, ne nsɛnkyerɛnne ne atɛn a obui.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ, n’ahodwirideɛ ne n’anomu atemmusɛm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Monkae anwanwadeɛ a wayɛ, ne nsɛnkyerɛnneɛ ne atemmuo a ɔbuiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Monkae n’anwonwade a wayɛ, n’ahodwiriwde ne n’anom atemmusɛm,

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 16:12
17 Referencias Cruzadas  

O ne somfoɔ Abraham asefoɔ, Yakob a ɔfaa no no mma.


Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn, n’atemmudeɛ wɔ asase nyinaa so.


Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa.


Wama wɔakae n’anwanwadeɛ, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE.


Mede m’ano maka w’anomu atemmuo nyinaa.


Ɔteneneeni ne wo, AWURADE, na w’atemmudeɛ nso tene.


Me kra posa daa nyinaa, w’atemmuo ho anigyina mu.


AWURADE, mahunu sɛ w’atemmuo yɛ tenenee, na wode nokorɛdie abrɛ me ase.


AWURADE suro yɛ kronkron, ɛgyina hɔ daa. AWURADE atemmudeɛ yɛ nokorɛ, ne nyinaa tene.


Mɛkae AWURADE nneyɛɛ maka, aane, mɛkae wo tete anwanwadeɛ,


na ɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim ne n’anwanwadeɛ, Soan petee mu no.


Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mofirii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


Na metee sɛ ɛnne bi firi afɔrebukyia no mu a ɛse: Aane, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, w’atemmuo yɛ nokorɛ ne tenenee.


ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios