Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 14:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn, wɔde ntweneduro nnua ne abantofoɔ ne nnuapaefoɔ baa sɛ wɔmmɛsi dan mma no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo ne abo adansifo ne nnua dwumfo kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wonkosi ahemfi mma no. Afei, Huram san de sida nnua a wɔbɛpae kɔe.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn, wɔde ntweneduro nnua ne abantofoɔ ne nnuapaefoɔ baa sɛ wɔmmɛsi dan mma no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wɔnkɔsi ahemfie mma no. Afei, Huram sane de ntweneduro nnua a wɔbɛpae kɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na Tiro hene Hiram somaa abɔfo baa Dawid nkyɛn, wɔde nkyeneduru nnua ne abantofo ne nnuapaefo bae sɛ wommesi ɔdan mma no.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 14:1
16 Referencias Cruzadas  

ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete tweneduro dan mu, na Nyankopɔn adaka si ntomadan mu.


Na Tirohene Hiram somaa ne nkoa maa wɔbaa Salomo nkyɛn, ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra no ngo asi no hene n’agya ananmu; ɛfiri sɛ Hiram dɔɔ Dawid daa.


Na Salomo wɔ nnesoasoafoɔ mpem aduɔson ne nnuatwafoɔ mpem aduɔwɔtwe bepɔ no so,


Na Salomo abantofoɔ ne Hiram abantofoɔ ne Gebalfoɔ no sensenee, na wɔsiesiee nua ne aboɔ sɛ wɔde bɛsi ɛdan no.


Na afei hyɛ na wɔmmu ntweneduro mfiri Lebanon mma me, na me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na mede wo nkoa apaadeɛ bɛma wo, sɛdeɛ wobɛka nyinaa; na wo ara wonim sɛ obi nni yɛn mu a ɔnim nnuabuo sɛ Sidonfoɔ.


Na Dawid hunuu sɛ AWURADE asi no Israel so hene, na ne man Israel nti wama n’ahennie so.


Na Dawid te ne fie no, ɔka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete ntweneduro dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntomadan ase.


Na Dawid kaa sɛ wɔmmoa ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ano, na ɔsisii aboɔpaefoɔ sɛ wɔmpae aboɔ a wɔasene, na wɔmfa nsi Nyankopɔn fie no.


Na Salomo kann nnesoafoɔ mpemaduɔson ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne wɔn so ahwɛfoɔ mpensa ahansia.


Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Tirohene Huram nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ wo ne m’agya Dawid yɛeɛ, na wobrɛɛ no tweneduro nnua, na ɔde sii ne fie tenaa mu no,


Na wɔde sika maa aboɔpaefoɔ ne nnua adwumfoɔ no, na wɔde aduane ne anonneɛ ne ngo maa Sidonfoɔ ne Tirofoɔ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro nnua mfiri Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛdeɛ Persiahene Kores maa wɔn ho kwan no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios