Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 13:8 - Twerɛ Kronkron

8 Na Dawid ne Israel nyinaa goroe, Nyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asankuo ne mmɛnta ne mpintin ne nnawuro ne ntotorobɛnto.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Dawid ne Israelfo nyinaa fii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahorow a bi yɛ asanku, mmɛnta, akasae, nnawuru ne ntorobɛnto dii ahurusi, Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Dawid ne Israel nyinaa goroe, Nyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asankuo ne mmɛnta ne mpintin ne nnawuro ne ntotorobɛnto.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Dawid ne Israelfoɔ nyinaa firii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahodoɔ a ebi yɛ asankuo, mmɛnta, mpintin, nnawuro ne ntotorobɛnto dii ahurisie wɔ Onyankopɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na Dawid ne Israel nyinaa gorui Onyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asanku ne mmɛnta asanku ne mpintin ne nnawuru ne ntorobɛnto.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 13:8
18 Referencias Cruzadas  

Na afei momfa sankubɔni mmrɛ me. Na sankubɔni no rebɔ no, AWURADE nsa baa ne so,


Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛne ne ntotorobɛnto ne nsambɔ ne nnawuro mu, wɔde mmɛnta ne nsankutene maa wɔtee nka.


Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntotorobɛnto ne nsambɔ nnawuro a wɔma no gyegyeɛ, ne nnoɔma a wɔde to Nyankopɔn dwom. Na Yedutun mma deɛ, na wɔwɔ ɛpono ano.


Asaf ne panin, na Sakaria di hɔ, Yeiel ne Semiramot ne Yehiel ne Matitia ne Eliab ne Benaia ne Obed-Edom ne Yeiel, wɔkurakura mmɛnta ne nsankutene, na Asaf deɛ, ɔbɔ nnawuro a ɛgyegyeɛ.


na mpemnan nyɛ apono ano ahwɛfoɔ, na mpemnan nso mfa nnoɔma a meyɛ memaa ayeyie no nyi AWURADE ayɛ.


Na wɔkurakura mmɛnta ne asankuten ne ntotorobɛnto baa Yerusalem bɛhyɛnee no AWURADE fie.


na Lewifoɔ nnwontofoɔ no a wɔhyɛ Asaf Heman, Yedutun ne wɔn mma ne wɔn nuanom aseɛ no nyinaa hyehyɛ nwera fɛfɛ, kurakura nnawuro ne mmɛnta ne nsankutene gyinagyina afɔrebukyia no apueeɛ fam, na asɔfoɔ ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛne ntotorobɛnto.


Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro, AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ.


sankuhan du ne bɛnta so, sankuo ho adwempa dwom mu.


Yi wo dwontoɔ gyegyeegyeyɛ firi me so, na wo sankubɔ nso, merentie.


Wɔto ahuhudwom de yi sankuo ano, na wɔbɔ wɔn tirim yɛ asankuo sɛ Dawid.


Ɛno akyiri no, wobɛduru Gibea-elohim, wɔ deɛ Filistifoɔ bansifoɔ wɔ no; na ɛbɛba sɛ woduru kuro no mu hɔ a, wobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane afiri sorɔnsorɔnbea hɔ, na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asankuo di wɔn anim; na wɔrehyɛ nkɔm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios