1 Berɛsosɛm 13:2 - Twerɛ Kronkron2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsase nyinaa soɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkuro mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn, Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm2 Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa se, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Nyankopɔn pɛ a, momma yɛmfa nkra nkɔma Israelfo a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ nkurow so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsase nyinaa soɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkuro mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn, Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm2 Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Onyankopɔn pɛ a, momma yɛnto nkra nkɔma Israelfoɔ a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ nkuro so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel bagua no nyinaa sɛ: Sɛ eye mo ani so na efi AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛnsoma nkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsaase nyinaa so ne asɔfo ne Lewifo a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkurow mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ho ano mmra yɛn nkyɛn, Ver Capítulo |