Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




1 Berɛsosɛm 11:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na Dawid kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ Asafo AWURADE dii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na Dawid tumi yɛɛ kɛse, efisɛ na Asafo Awurade ka ne ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Dawid kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ Asafo AWURADE dii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na Dawid tumi yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Asafo Awurade ka ne ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na Dawid de kɛseyɛ ara, na asafo AWURADE dii n’akyi.

Ver Capítulo Copiar




1 Berɛsosɛm 11:9
13 Referencias Cruzadas  

Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara.


Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ ara, na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi.


Na Dawid kyekyeree kuro no hyiae de firi Milo ara de twaa ho hyiae. Na Yoab siesiee kuro no nkaeɛ no.


Na Eleasa ba Pinehas na na ɔdi wɔn so bapɔmma kane no, na AWURADE dii n’akyi.


Na Mordekai yɛ onipa kɛseɛ ɔhene no fie, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ.


Nanso ɔteneneeni bɛkura ne kwan mu, na deɛ ne nsa ho teɛ no bɛkɔ so anya ahoɔden.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ, na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no.


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios